1 Timoteo
1 Paulo, Kristo Yesu somafoɔ,+ sɛdeɛ yɛn Agyenkwa+ Nyankopɔn+ ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidasoɔ+ no ahyɛ, 2 de kɔma Timoteo+ a ɔyɛ ɔba+ pa wɔ gyidie mu:
Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu adom, mmɔborɔhunu, ne asomdwoeɛ nka wo.+
3 Sɛdeɛ berɛ a merebɛkɔ Makedonia+ no mesrɛɛ wo sɛ tena Efeso no, saa ara na seesei nso meresrɛ woɔ na woatu ebinom fo+ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforɔ+ 4 anaa wɔtie atosɛm+ ne abusua santen ho nsɛm a ɛnkɔsi hwee,+ na ɛde nsɛmmisa a ɛsɛe berɛ mmom na ɛba sene sɛ ɛbɛma wɔanya biribi afiri Onyankopɔn hɔ de ahyɛ afoforɔ gyidie den no. 5 Nokorɛm no, adwene a ɛwɔ ahyɛdeɛ yi akyi ne ɔdɔ+ a ɛfiri akoma a emu teɛ,+ ahonim+ pa ne gyidie a nyaatwom+ nnim mu. 6 Ebinom amane+ afiri yeinom ho kɔ nsɛnhuhuo+ so, 7 na wɔpɛ sɛ wɔyɛ mmarakyerɛfoɔ,+ nanso wɔnte nsɛm a wɔka no ne deɛ wɔgye gyina mu dendeenden no ase.
8 Yɛnim sɛ Mmara no yɛ,+ berɛ a obi di ho dwuma sɛdeɛ ɛsɛ no,+ 9 na ɛsɛ sɛ ɔhunu nokwasɛm yi sɛ, ɛnyɛ ateneneefoɔ nti na wɔyɛ mmara, na mmom mmaratofoɔ+ ne asobrakyefoɔ,+ amumuyɔfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ, wɔn a wɔnni adɔeɛ,+ wɔn a wɔmmu akronkronneɛ, wɔn a wɔkum wɔn agyanom anaa wɔn nanom, awudifoɔ, 10 adwamammɔfoɔ,+ mmarima a wɔne mmarima da, wɔn a wɔkyere nkurɔfoɔ sie, atorofoɔ, wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne biribi foforɔ biara a ɛtia+ nkyerɛkyerɛ pa,+ 11 sɛdeɛ anigyeɛ+ Nyankopɔn no animuonyam asɛmpa a wɔde ahyɛ me nsa+ no teɛ no.
12 Meda yɛn Awurade Kristo Yesu a ɔhyɛɛ me den no ase, ɛfiri sɛ wabu me nokwafoɔ+ de me ahyɛ ɔsom adwuma bi mu,+ 13 ɛwom, berɛ bi a atwam no na meyɛ mmusubɔfoɔ, metaa nkurɔfoɔ,+ na meyɛɛ aniammɔnho.+ Nanso wɔhuu me mmɔbɔ,+ ɛfiri sɛ na mennim deɛ mereyɛ,+ na gyidie a na mennie nti na meyɛɛ saa. 14 Nanso yɛn Awurade adom dɔɔso boroo so,+ a gyidie ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu+ ka ho. 15 Nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wɔgye tom koraa+ ne sɛ Kristo Yesu baa wiase bɛgyee nnebɔneyɛfoɔ+ nkwa. Me na medi kan wɔ wɔn a wɔte saa no mu.+ 16 Nanso, wɔhuu me mmɔbɔ+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo Yesu bɛfa me a medi kan no so ayi n’abodwokyɛreɛ nyinaa adie, de ayɛ nhwɛsoɔ ama wɔn a wɔbɛgye no adie+ anya daa nkwa+ no.
17 Na anidie ne animuonyam nka mmerɛsanten Hene+ a ɔmporɔ+ na wɔnhu no+ a ɔyɛ Onyankopɔn koro+ pɛ no daa daa.+ Amen.
18 Me ba Timoteo, ahyɛdeɛ+ yi na mede hyɛ wo nsa, sɛdeɛ nkɔmhyɛ+ a ɛfa wo ho tẽẽ no kyerɛ no, na woafa yeinom so akɔ so ako ɛko pa+ no, 19 berɛ a wokura gyidie ne ahonim pa+ a ebinom apia ato nkyɛn+ ama wɔn gyidie agu asuo+ no mu no. 20 Wɔn mu binom ne Himeneo+ ne Aleksandro,+ na mede wɔn ama Satan+ na ntenesoɔ ama wɔasua sɛ ɛnsɛ sɛ wɔka abususɛm.+