Yesaia
59 Hwɛ, Yehowa nsa nyɛ tia sɛ ɛbɛgye nkwa,+ na n’asom nso nyɛ den sɛ ɛbɛte asɛm.+ 2 Mmom mo mmarato na ama mo ne Onyankopɔn ntam ateteɛ,+ na mo ara mo bɔne na ama ɔde n’anim ahunta a ɔntie mo.+ 3 Mogya ayɛ mo nsam mã,+ na bɔne agu mo nsateaa ho fĩ. Mo ano ka atosɛm,+ na mo kɛtrɛma ka nkontomposɛm.+ 4 Obiara nni hɔ a ɔbue n’ano tenenee mu,+ na obiara nka nokorɛ wɔ asɛnnibea. Wɔde wɔn ho to adehunu so,+ na wɔkeka ahuhusɛm.+ Wɔnyinsɛn bɔne na wɔwo mmusuo.+
5 Wɔpae ɔwɔ nkosua, na wɔnwene ananse ntentan.+ Obiara a ɔdi wɔn nkosua no bɛwu, na nkosua a wɔbobɔ no pae ahuritia.+ 6 Wɔn ntentan rentumi nyɛ atadeɛ, na wɔrentumi mfa wɔn nnwuma nkata wɔn ho.+ Wɔn nnwuma yɛ mmusuo, na awudisɛm wɔ wɔn nsam.+ 7 Wɔn nan tu mmirika kɔyɛ bɔne,+ na wɔyɛ ntɛm hwie mogya a asɛm nni ho gu.+ Wɔn nsusuiɛ nyinaa yɛ bɔne,+ na amamfoyɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wɔn atempɔn so.+ 8 Wɔapo asomdwoeɛ kwan,+ na atɛntenenee nni wɔn akwan mu.+ Wɔakyeakyea wɔn akwan,+ na obiara a ɔfa soɔ no renhunu asomdwoeɛ.+
9 Ɛno nti atɛntenenee ne yɛn ntam kwan aware, na tenenee nto yɛn. Yɛtwɛn hann nanso sum na ɛba; yɛhwehwɛ ɔhyerɛn nanso yɛnante sum kabii mu.+ 10 Yɛde yɛn nsa keka ban ho te sɛ anifirafoɔ, te sɛ wɔn a wɔnni ani.+ Yɛsunti awia ketee sɛ sum mu; yɛayɛ sɛ awufoɔ wɔ ahoɔdenfoɔ mu.+ 11 Yɛn nyinaa si apini te sɛ asisire, na yɛsu te sɛ mmorɔnoma.+ Yɛtwɛnee atɛntenenee,+ nanso hwee amma; yɛde yɛn ani too nkwagyeɛ so, nanso atwe ne ho afiri yɛn ho.+ 12 Yɛn atuateɛ abu so wɔ w’anim;+ na yɛn bɔne di adanseɛ tia yɛn.+ Yɛn atuateɛ da yɛn anim, na yɛnim yɛn amumuyɔ.+ 13 Yɛato Yehowa mmara na yɛapo no;+ yɛasan afiri yɛn Nyankopɔn akyi. Nhyɛsoɔ ne atuateɛ na yɛka,+ na yɛsusu atosɛm wɔ yɛn akomam ma no pue firi yɛn anom.+ 14 Wɔama atɛntenenee asan n’akyi kɔ,+ na adetenenee atwe ne ho akɔgyina akyirikyiri.+ Nokorɛdie ahwe ase wɔ dwa so, na deɛ ɛtene ntumi mma hɔ.+ 15 Nokorɛdie ayera,+ na deɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho no, wɔsɛe no.+
Yehowa hunuiɛ, na ɛyɛɛ n’ani so bɔne sɛ atɛntenenee nni hɔ.+ 16 Na berɛ a ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɛyɛɛ no nwanwa sɛ ɔkamafoɔ biara nni hɔ.+ Enti n’abasa de nkwagyeɛ brɛɛ no, na ne tenenee hyɛɛ no den.+ 17 Ɛnna ɔhyɛɛ tenenee sɛ akotadeɛ,+ na ɔde nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ hyɛɛ ne ti.+ Afei ɔhyɛɛ aweredie sɛ atadeɛ,+ na ɔde nnamyɛ wuraa sɛ batakari.+ 18 Na ɔde wɔn nneyɛɛ so akatua bɛma wɔn;+ wɔn a wɔkyiri no bɛnya n’abufuo na n’atamfo anya deɛ ɛfata wɔn.+ Ɔbɛtua nsuano aman ka sɛdeɛ ɛsɛ wɔn.+ 19 Na wɔbɛsuro Yehowa din afiri awiatɔeɛ,+ na wɔbɛhyɛ no animuonyam afiri awiapueeɛ,+ na ɔbɛba sɛ ahohia asuo a Yehowa honhom twe ba.+
20 “Ɔgyefoɔ+ no bɛba Sion,+ ɔbɛba Yakob mu nnipa a wɔasan afiri bɔne ho no nkyɛn,”+ Yehowa na aka.
21 “M’apam a me ne wɔn bɛyɛ nie,”+ Yehowa asɛm nie.
“Me honhom a ɛwɔ wo soɔ+ ne me nsɛm a mede ahyɛ w’anom+ no remfiri w’anom anaa w’asefoɔ anom anaa w’asefoɔ asefoɔ anom firi nnɛ kɔsi daa,”+ Yehowa na aka.