17 Saa da no, m’abufuo bɛdɛre atia wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adane m’ani afiri wɔn so,+ na mɛyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛeɛ. Na wɔbɛhyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a ɔnni yɛn mfimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn soɔ yi?’+
23 Na amanaman no bɛhunu sɛ Israel fie bɔne nti na wɔkɔɔ nkoasom mu,+ na ɛsiane sɛ wɔanni me nokorɛ nti na mede m’anim huntaa wɔn,+ na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano+ no.