Dwom 21:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya berɛ a woahyɛ sɛ wobɛyi wo ho adie no.+Yehowa abufuo mu na ɔbɛmene wɔn, na egya na ɛbɛhye wɔn.+ Yesaia 1:24 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 24 Enti asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ, Israel Tumfoɔ no,+ asɛm nie: “Hwɛ, mɛma me ho adwo me, m’atamfo+ ho, na mɛtua wɔn a wɔtan me no ka.+ Kwadwom 4:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Yehowa ada n’abufuo nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyeɛ agu.+Ɔde gya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+ Hesekiel 5:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Afei m’abufuo to bɛtwa,+ na mɛdwodwo m’anibereɛ wɔ wɔn so+ na makyekyere me werɛ;+ na sɛ m’abufuo ba awieeɛ a, wɔbɛhunu sɛ me Yehowa na makasa sɛ obi a ɔhwehwɛ ahofama mũ.+ Luka 19:27 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 27 Bio nso, momfa m’atamfo yi a wɔampɛ sɛ medi wɔn so hene no mmra ha na mommɛkunkum wɔn m’anim.’”+
9 Wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a wɔasɔ mu gya berɛ a woahyɛ sɛ wobɛyi wo ho adie no.+Yehowa abufuo mu na ɔbɛmene wɔn, na egya na ɛbɛhye wɔn.+
24 Enti asafo Yehowa, Awurade nokwafoɔ, Israel Tumfoɔ no,+ asɛm nie: “Hwɛ, mɛma me ho adwo me, m’atamfo+ ho, na mɛtua wɔn a wɔtan me no ka.+
11 Yehowa ada n’abufuo nyinaa adi awie.+ Wahwie n’abufuhyeɛ agu.+Ɔde gya ato Sion mu, na ahye ne fapem nyinaa.+
13 Afei m’abufuo to bɛtwa,+ na mɛdwodwo m’anibereɛ wɔ wɔn so+ na makyekyere me werɛ;+ na sɛ m’abufuo ba awieeɛ a, wɔbɛhunu sɛ me Yehowa na makasa sɛ obi a ɔhwehwɛ ahofama mũ.+