Hebrifoɔ
1 Onyankopɔn a tete no ɔfaa akwan hodoɔ so mprɛ pii nam adiyifoɔ so kasa+ kyerɛɛ yɛn agyanom+ no, 2 awieeɛ mmerɛ+ yi mu no, ɔnam Ɔba+ a wayi no sɛ ɔdedifoɔ wɔ nneɛma nyinaa so,+ a ɔnam ne so yɛɛ+ mmerɛsanten mu nneɛma no so akasa akyerɛ yɛn. 3 Ɔyɛ n’animuonyam+ hyerɛn ne ne su nsɛsoɔ+ pɛpɛɛpɛ, na ɔde n’asɛm a tumi wom no wowa nneɛma nyinaa;+ na berɛ a ɔdwiraa yɛn ho firii yɛn bɔne ho+ no, ɔkɔtenaa Animuonyam no nifa+ so wɔ sorosoro.+ 4 Enti afei ɔkyɛn abɔfoɔ+ no na wanya din+ a ɛkyɛn wɔn deɛ no koraa.
5 Sɛ nhwɛsoɔ no, abɔfoɔ no mu hwan na waka akyerɛ no pɛn sɛ: “Woyɛ me ba; me na ɛnnɛ mayɛ w’agya”?+ Anaasɛ: “Me na mɛyɛ n’agya, na ɔno nso ayɛ me ba”?+ 6 Nanso ɛdefa berɛ a ɔbɛsan de n’Abakan+ no aba asase soɔ ho no, ɔka sɛ: “Ma Onyankopɔn abɔfoɔ+ nyinaa nkoto no.”+
7 Bio nso, ɔka n’abɔfoɔ no ho asɛm sɛ: “Ɔyɛ n’abɔfoɔ ahonhom ne n’asomfoɔ nso gyaframa.”+ 8 Nanso ɔka Ɔba no ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn ne w’ahennwa daa+ daa, na w’ahempoma+ yɛ teeyɛ poma.+ 9 Wodɔɔ tenenee, na wokyirii mmarato. Ɛno nti na Onyankopɔn, wo Nyankopɔn, de ahurisie ngo sraa+ wo senee wo mfɛfoɔ+ no.” 10 Bio nso: “O Awurade, wo na mfitiaseɛ no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.+ 11 Ne nyinaa twam mpo a, wo deɛ, wobɛtena hɔ daa; na ne nyinaa bɛyɛ dada sɛ atadeɛ,+ 12 na wobɛbobɔ no sɛ firatoma,+ sɛ atadeɛ ngugusoɔ; na ɛbɛsesã, na wo deɛ, wonsesã da, na wo mfeɛ to rentwa da.”+
13 Na abɔfoɔ no mu hwan na ɔka kyerɛɛ no pɛn sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ”?+ 14 Wɔn nyinaa nyɛ ahonhom+ a wɔsom,+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wɔbɛyɛ nkwagyeɛ adedifoɔ+ no anaa?