Deuteronomium
21 “Sɛ wonya kɔtena asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama woɔ no so na da bi wohunu sɛ wɔakum obi ato wuram, na obiara nnim deɛ ɔdii awuo no a,+ 2 wo kurom mpanimfoɔ ne atemmufoɔ+ nkɔsusu mfiri faako a deɛ wawuo no da no nkɔ nkuro a ɛwowɔ mpɔtamu hɔ no, 3 na wɔnhwɛ kuro a ɛbɛn deɛ wawuo no. Ɛba saa a kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwie ba a ɔnyɛɛ adwuma da na wɔmfaa kɔndua ntoo ne so da mmra. 4 Na kuro no mu mpanimfoɔ mfa nantwie ba no nkɔ subɔn a nsuo wom mu, baabi a wɔnnɔɔ da na wɔnnuaa hwee hɔ da. Afei wɔmmu nantwie ba no kɔn mu wɔ subɔn no mu.+
5 “Lewi mma asɔfoɔ no mmra hɔ ɛfiri sɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wɔbɛgyina abua asɛm no.+ 6 Afei mpanimfoɔ a wɔwɔ kuro a ɛbɛn deɛ wawuo no mu nyinaa mmra, na wɔnhohoro wɔn nsa+ ngu nantwie ba a wɔabu ne kɔn mu wɔ subɔn no mu no so. 7 Na wɔnka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn nsa na ɛhwiee mogya yi guiɛ, na yɛn ani nso anhunu sɛ obi reyɛ saa.+ 8 Enti Yehowa, mmu wo man Israel a woagye wɔn no+ fɔ wɔ asɛm yi ho, na mma mogya a ɛnni fɔ ho asodie+ nntena wo man Israel mu.’ Ɛba saa a, wɔremfa mogya ho asodie nto wɔn so. 9 Na ɛbɛma woayɛ deɛ ɛsɔ Yehowa ani+ na woayi mogya a ɛnni fɔ ho asodie afiri wo mu.+
10 “Sɛ wo ne w’atamfo kɔko na Yehowa wo Nyankopɔn de wɔn hyɛ wo nsa+ na wofa wɔn nnommum,+ 11 na wohunu ɔbaa bi wɔ nnommum no mu a ne ho yɛ fɛ, na wodɔ no+ na wopɛ sɛ woware no a, 12 fa no kɔ wo fie. Afei ɔnyi ne tiri nwi+ na ɔmmubu ne mmɔwerɛ. 13 Ɔnyi n’atadeɛ a ɔde baa nkoasom mu no na ɔntena wo fie nsũ ne papa ne ne maame bosome baako.+ Sɛ ɔwie a, kɔ ne ho na ware no na ɔmmɛyɛ wo yere. 14 Na sɛ w’ani nnye ne ho a, gyaa no ma no nkɔ+ baabiara a ɔpɛ, na hwɛ na woantɔn no. Berɛ a woabrɛ no ase awie yi, hwɛ na wo ne no anni no atirimuɔden so.+
15 “Sɛ ɔbarima bi wɔ yerenom mmienu na ɔdɔ baako tan baako, na mmaa mmienu yi nyinaa wo mmarima ma no na deɛ ɔtan no no ba ne panin a,+ 16 ɛnneɛ da a ɔbɛkyɛ agyapadeɛ ama ne mma no, ɔrentumi nsian deɛ ɔtan no no ba a ɔyɛ panin no ho mfa abakan kyɛfa mma deɛ ɔdɔ no no ba no.+ 17 Ɔmmu deɛ ɔtan no no ba no abakan; ɔbɛma no biribiara mu mmɔho mmienu,+ ɛfiri sɛ ɔno ne n’ahoɔden mfitiaseɛ.+ Abakan dibea wɔ no.+
18 “Sɛ ɔbarima bi wɔ ɔba tuatefoɔ a n’aso yɛ den,+ na ɔntie ne papa ne ne maame asɛm,+ na wɔtu no fo na ɔntie a,+ 19 ɛnneɛ ne papa ne ne maame mfa no mmra ne kurom mpanimfoɔ anim wɔ kuro no pono ano.+ 20 Na wɔnka nkyerɛ ne kurom mpanimfoɔ sɛ, ‘Yɛn ba yi yɛ otuatefoɔ a n’aso yɛ den. Ɔyɛ odidifoɔ+ ne ɔsabofoɔ+ na ɔntie yɛn asɛm.’+ 21 Afei ne kurom mmarima nyinaa nsi no aboɔ mma no nwu. Yɛ saa fa yi adebɔne firi wo mfimfini na Israelfoɔ nyinaa nte na wɔnsuro.+
22 “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne a ɛsɛ owuo na wɔku no+ de no sɛn dua so+ a, 23 mma n’amu no nnsɛn dua so mmma adeɛ nnkye so.+ Hwɛ sie no da no ara ɛfiri sɛ Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so,+ na mma efĩ nnka asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo sɛ agyapadeɛ no.+