Numeri
1 Berɛ a Israelfoɔ firii Egypt no akyi afe a ɛtɔ so mmienu, bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan+ no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,+ Sinai+ serɛ so sɛ: 2 “Monkan+ Israelfoɔ mmarima nyinaa mmaako mmaako, dodoɔ a wɔwɔ abusuakuo biara mu ne dodoɔ a wɔwɔ wɔn agyanom fie ne wɔn din. 3 Monkan mfiri wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu so,+ obiara a ɔbɛtumi akɔ ko wɔ Israel.+ Wo ne Aaron nkan wɔn sɛdeɛ wɔn asafokuo teɛ.
4 “Na ɛsɛ sɛ mmarima bi bɛka mo ho. Abusua biara bɛnya ɔbarima baako, obi a ɔyɛ panin wɔ n’agyanom fie.+ 5 Mmarima a wɔbɛka mo ho no din nie: Deɛ ɔbɛgyina ama Ruben+ abusuakuo ne Sedeo ba Elisur;+ 6 Simeon+ abusuakuo: Surisadai ba Selumiel.+ 7 Yuda+ abusuakuo: Aminadab ba Naason.+ 8 Isakar+ abusuakuo: Suar ba Netanel.+ 9 Sebulon+ abusuakuo: Helon ba Eliab.+ 10 Yosef+ mma nso deɛ nie: Efraim+ abusuakuo, Amihud ba Elisama. Manase+ abusuakuo, Pedasur ba Gamaliel. 11 Benyamin+ abusuakuo: Gideoni ba Abidan.+ 12 Dan+ abusuakuo: Amisadai ba Ahiesa.+ 13 Aser+ abusuakuo: Okran ba Pagiel.+ 14 Gad+ abusuakuo: Deuel+ ba Eliasaf.+ 15 Naftali+ abusuakuo: Enan ba Ahira.+ 16 Yeinom na wɔfrɛɛ wɔn asafo no mu, wɔn agyanom mmusua mu atitire.+ Wɔn na wɔdeda Israel mpempem ano.”+
17 Afei Mose ne Aaron frɛɛ mmarima a wɔabobɔ wɔn din yi nyinaa. 18 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛdi kan no, wɔmaa Israel asafo nyinaa hyiaa sɛdeɛ wɔbɛhunu nnipa dodoɔ a wɔadi firi mfeɛ aduonu+ a wɔwɔ abusua+ biara mu ne dodoɔ a wɔwɔ wɔn agyanom fie ne wɔn din. 19 Na Mose twerɛɛ wɔn din+ wɔ Sinai serɛ so sɛdeɛ Yehowa hyɛɛ no no.
20 Wɔkan Israel ba panin Ruben+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 21 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Ruben abusuakuo mu no ano si mpem aduanan nsia ne ahanum.+
22 Wɔkan Simeon+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 23 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Simeon abusuakuo mu no ano si mpem aduonum nkron ne ahasa.+
24 Wɔkan Gad+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 25 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Gad abusuakuo+ mu no ano si mpem aduanan nnum, ahansia aduonum.+
26 Wɔkan Yuda+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 27 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Yuda abusuakuo mu no ano si mpem aduɔson nnan ne ahansia.+
28 Wɔkan Isakar+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 29 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Isakar abusuakuo mu no ano si mpem aduonum nnan ne ahanan.+
30 Wɔkan Sebulon+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 31 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Sebulon abusuakuo mu no ano si mpem aduonum nson ne ahanan.+
32 Afei wɔbɛduruu Yosef mma no asefoɔ so: Wɔkan Efraim+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 33 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Efraim abusuakuo+ mu no ano si mpem aduanan ne ahanum.+
34 Wɔkan Manase+ nso asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 35 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Manase abusuakuo mu no ano si mpem aduasa mmienu ne ahanu.+
36 Wɔkan Benyamin+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 37 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Benyamin abusuakuo mu no ano si mpem aduasa nnum ne ahanan.+
38 Wɔkan Dan+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 39 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Dan abusuakuo mu no ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson.+
40 Wɔkan Aser+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 41 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Aser abusuakuo mu no ano si mpem aduanan baako ne ahanum.+
42 Wɔkan Naftali+ asefoɔ ne wɔn mmusua ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko nyinaa, obiara din mmaako mmaako. 43 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ Naftali abusuakuo mu no ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.+
44 Yeinom na Mose ne Aaron ne Israelfoɔ atitire dumienu no kan wɔn. Na atitire yi mu biara gyina hɔ ma n’agyanom fie. 45 Enti wɔkan Israelfoɔ ne wɔn agyanom fie mmarima a wɔadi firi mfeɛ aduonu, wɔn a wɔbɛtumi akɔ ko a wɔtwerɛɛ wɔn din nyinaa. 46 Nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no nyinaa ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum aduonum.+
47 Nanso Lewi abusuakuo+ ne wɔn agyanom fie deɛ, wɔankan wɔn amfra wɔn.+ 48 Na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 49 “Lewi abusuakuo deɛ, ntwerɛ wɔn din na nkan wɔn nka Israelfoɔ a aka no ho.+ 50 Fa Adanseɛ+ ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa hyɛ Lewifoɔ no nsa.+ Wɔn na wɔbɛsoa ntomadan no ne emu nneɛma nyinaa+ ayɛ hɔ adwuma,+ na wɔbɛtenatena ntomadan no ho ahyia.+ 51 Sɛ ɛhia sɛ motutu ntomadan no kɔ baabi foforɔ a, ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no na wɔtutuo,+ na sɛ mokɔsoɛ baabi a, ɛsɛ sɛ Lewifoɔ no na wɔsi ntomadan no. Onipahunu biara a ɔbɛba ho no, wɔnku no.+
52 “Na Israelfoɔ no nsi wɔn ntomadan sɛdeɛ obiara asafo teɛ wɔ atenaeɛ a wɔde ama mmusua mmiɛnsa asafodɔm no.+ 53 Lewifoɔ no mmɔ wɔn atenaeɛ Adanseɛ ntomadan no ho na asɛmmɔne+ biara anto Israel asafo no. Wɔn deɛ ne sɛ wɔbɛyɛ Adanseɛ ntomadan no ho adwuma+ nyinaa.”
54 Na Israelfoɔ yɛɛ deɛ Yehowa hyɛɛ Mose no nyinaa. Wɔyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.+