Genesis 29:32 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 32 Na Lea nyinsɛn woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ruben,+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa abɛhwɛ m’amanehunu,+ na afei me kunu bɛdɔ me.” Genesis 49:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 “Ruben, wone me ba panin,+ m’ahoɔden ne me mmaninyɛ mfitiaseɛ,+ animuonyam ne tumi mu ɔkɛseɛ. Numeri 2:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan anafoɔ fam ne mmusua mmiɛnsa asafo a Ruben abusuakuo da wɔn ano+ no. Na Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+ 1 Berɛsosɛm 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Israel ba panin+ ne Ruben,+ nanso ɔguu ne papa mpa ho fĩ,+ enti wɔde mpaninnie no maa Israel ba Yosef+ mma, na wɔantwerɛ ne din sɛ abakan.
32 Na Lea nyinsɛn woo ɔbabarima na ɔtoo ne din Ruben,+ na ɔkaa sɛ: “Yehowa abɛhwɛ m’amanehunu,+ na afei me kunu bɛdɔ me.”
10 “Wɔn a wɔbɛsi wɔn ntomadan anafoɔ fam ne mmusua mmiɛnsa asafo a Ruben abusuakuo da wɔn ano+ no. Na Ruben abusuapanin ne Sedeo ba Elisur.+
5 Israel ba panin+ ne Ruben,+ nanso ɔguu ne papa mpa ho fĩ,+ enti wɔde mpaninnie no maa Israel ba Yosef+ mma, na wɔantwerɛ ne din sɛ abakan.