19 Na ne papa antie na ɔkaa sɛ: “Menim saa, me ba, menim saa. Ɔno nso bɛyɛ ɔman na ɔbɛyɛ kɛse.+ Nanso ne nua kumaa no bɛyɛ kɛse asene no,+ na n’asefoɔ bɛyɛ aman pii.”+
6 na wɔaka akyerɛ no sɛ: “Ka sɛ Hyibolet.”*+ Nanso ɛyɛ a ɔntumi nka no yie, enti ɔka sɛ “Sibolet.” Ɛba saa a na wɔakye no aku no wɔ Yordan asutwareeɛ hɔ. Saa berɛ no, Efraimfoɔ mpem aduanan mmienu na wɔhweree wɔn nkwa.+