Yesaia
12 Ɛda no,+ wobɛka sɛ: “O Yehowa, mɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo bo fuu me, nanso nkakrankakra w’abufuo no ano dwoeɛ,+ na wotwaa wo ho kyekyeree me werɛ.+ 2 Hwɛ, Onyankopɔn ne me nkwagyeɛ.+ Mewɔ ahotɔsoɔ na merensuro,+ ɛfiri sɛ Yah Yehowa ne m’ahoɔden+ ne me tumi,+ na ɔno ne me nkwagyeɛ.”+
3 Mode ahosɛpɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsutire no mu.+ 4 Saa da no, mobɛka sɛ: “Monna Yehowa ase!+ Mommɔ ne din.+ Momma aman nhunu ne nneyɛɛ,+ na mompae mu nka sɛ ne din korɔn.+ 5 Monto dwom nkamfo Yehowa,+ ɛfiri sɛ deɛ wayɛ sõ.+ Wɔaka ho asɛm asase so nyinaa.
6 “Sion babaa, di ahurisie na ma wo ho nsɛpɛ wo, ɛfiri sɛ Israel Kronkronni a ɔwɔ wo mu no sõ.”+