Leviticus
3 “‘Na sɛ ɔpɛ sɛ ɔde nantwie bɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ+ a, onini oo, ɔbereɛ oo, ɔmfa deɛ ɔte apɔ+ mmra Yehowa anim. 2 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam,+ na wɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma asɔfoɔ no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 3 Na ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa: sradeɛ+ a ɛsensɛn ne nsono ho no nyinaa,+ 4 ne asaabo mmienu+ no ne ɛho sradeɛ, deɛ ɛwɔ n’asene mu no. Ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho. 5 Na Aaron mma+ no nhye+ no afɔrebukyia no so nka ɔhyeɛ afɔdeɛ no nkaeɛ a ɛwɔ egya no so+ nnyina no soɔ no ho. Ɛyɛ egya afɔdeɛ hwamhwam+ ma Yehowa.
6 “‘Sɛ ɔpɛ sɛ ɔde odwan bɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ma Yehowa a, onini oo, ɔbereɛ oo, ɔmfa deɛ ɔte apɔ+ mmra. 7 Sɛ ɔde odwennini kumaa rebɛbɔ afɔdeɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim.+ 8 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam,+ na wɔnku no+ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 9 Na ɔmfa aboa a ɔde rebɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no sradeɛ mmɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa.+ Ɔnyi ne dua tufuu+ no nkɔsi n’akyi, ne sradeɛ a ɛsensɛn ne nsono ho+ no nyinaa, 10 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, deɛ ɛwɔ n’asene mu no. Na ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ+ nka asaabo no ho. 11 Na ɔsɔfoɔ no nhye+ no afɔrebukyia no so sɛ aduane.+ Ɛyɛ afɔdeɛ a wɔde egya hye ma Yehowa.
12 “‘Na sɛ ɔde abirekyie+ rebɛbɔ afɔdeɛ a, ɔmfa mmra Yehowa anim. 13 Ɔmfa ne nsa nto aboa no apampam,+ na wɔnku+ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia. 14 Ɔmfa aboa a ɔde bɛbɔ afɔdeɛ no bi mmɔ egya afɔdeɛ mma Yehowa sɛ n’ayɛyɛdeɛ: ne nsono ho sradeɛ nyinaa,+ 15 ne asaabo mmienu no ne ɛho sradeɛ, deɛ ɛwɔ n’asene mu no. Na ɔnyi berɛboɔ no ho sradeɛ nka asaabo no ho. 16 Afei ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so sɛ aduane. Ɛyɛ afɔdeɛ hwamhwam a wɔde egya hyeɛ. Sradeɛ no nyinaa yɛ Yehowa dea.+
17 “‘Monnni sradeɛ anaa mogya biara.+ Ɛyɛ ahyɛdeɛ a mobɛdi so daa mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu wɔ mo tenabea nyinaa.’”