Hesekiel
28 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 2 “Onipa ba, ka kyerɛ Tiro kannifoɔ sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“‘“Ɛsiane sɛ w’akoma ahoran,+ na woka sɛ, ‘Meyɛ onyame,+ na mete anyamedwa so+ wɔ po akomam tɔnn,’+ berɛ a woyɛ ɔdasani+ na wonyɛ onyame,+ na woma w’akoma yɛ sɛ onyame akoma nti— 3 hwɛ, wonim nyansa sene Daniel.+ Na ahuntasɛm biara nni hɔ a ɛboro wo soɔ.+ 4 Wo nyansa ne wo nhunumu ama woanya wo ho, na daa wonya sika ne dwetɛ wɔ w’akoraeɛ.+ 5 Wode wo nyansa+ dodoɔ ne w’adwadeɛ+ anya wo ho tam,+ na w’ahonya dodoɔ ama w’akoma ahoran.”’+
6 “‘Enti deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Ɛsiane sɛ woama w’akoma ayɛ sɛ onyame akoma nti,+ 7 mede ahɔhoɔ bɛba wo so,+ atirimuɔdenfoɔ a wɔhyɛ aman soɔ,+ na wɔde wɔn nkrantɛ bɛsɛe wo nyansa fɛfɛ no na wɔahura w’animuonyam ho.+ 8 Wɔde wo bɛsiane akɔ amena mu tɔnn,+ na wobɛwu atɔfowuo wɔ po akomam.+ 9 Wobɛka akyerɛ deɛ ɔreku woɔ no sɛ, ‘Meyɛ onyame,’+ berɛ a woyɛ dasani na wonyɛ onyame anaa?+ Wobɛka saa wɔ wɔn a wɔrehura wo ho no nsam?”’
10 “‘Wobɛwu momonotofoɔ wuo wɔ ahɔhoɔ nsam;+ me na maka,’ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm nie.”
11 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 12 “Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom,+ na ka kyerɛ no sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie:
“‘“Woyɛ pɛyɛ nsɛsoɔ, nyansa ahyɛ wo mã,+ na w’ahoɔfɛ wie pɛyɛ.+ 13 Wote Eden, Onyankopɔn turom.+ Na aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho, abo kɔkɔɔ, akraateboɔ, ahwehwɛboɔ, sikabereɛboɔ, sohamboɔ,+ yasepe, hoaboɔ, nsrammaboɔ,+ ne ahahammonoboɔ, na sika na wɔde hyehyɛɛ ne nyinaa. Da a wɔbɔɔ woɔ no na wɔde maa woɔ. 14 Mede wo sii hɔ sɛ kerubim a wɔasra no a ɔkata soɔ. Onyankopɔn bepɔ kronkron so na wotenaeɛ.+ Na egya aboɔ ntam na wonanteeɛ. 15 Da a wɔbɔɔ woɔ no, na w’akwan nyinaa tene+ kɔsii sɛ wɔhunuu deɛ ɛntene wɔ wo mu.+
16 “‘“W’adwadeɛ dodoɔ nti,+ wɔde amumuyɔ hyɛɛ wo mã, na woyɛɛ bɔne.+ Enti mɛtu wo sɛ abusudeɛ afiri Onyankopɔn bepɔ so. O kerubim a ɔkata soɔ, mɛsɛe wo+ atu w’ase afiri egya aboɔ no ntam.
17 “‘“W’ahoɔfɛ nti, w’akoma ahoran.+ Na w’animuonyam nti, woasɛe wo nyansa.+ Mɛto wo atwene asase so+ na mede wo agyina ahemfo anim ama wɔahwɛ wo.+
18 “‘“W’amumuyɔ dodoɔ+ ne w’adwadie bɔne nti,+ woahura wo kronkronbea ho. Mɛma egya afiri wo mu aba, na ɛno na ɛbɛhye woɔ.+ Mɛma woadane nsõ wɔ asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.+ 19 Aman hodoɔ mufoɔ a wɔnim woɔ nyinaa bɛtɛɛ wɔn anom ahwɛ wo.+ Na mɛma ehu abubu wo, na wɔrenhu wo bio da biara da.”’”+
20 Na Yehowa toaa so ka kyerɛɛ me sɛ: 21 “Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Sidon+ na hyɛ ne ho nkɔm. 22 Na ka sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O Sidon, me ne wo anya asɛm,+ na mɛhyɛ me ho animuonyam wo mu.+ Na sɛ mebu atɛn+ wɔ ne mu, na me din ho te a,+ nnipa bɛhunu sɛ mene Yehowa. 23 Mɛma owuyareɛ aba ne so na mogya atene afa ne mmɔnten so.+ Nkrantɛ bɛba ne so wɔ afã nyinaa ama nnipa atotɔ,+ na nnipa bɛhunu sɛ mene Yehowa.+ 24 Na hwerɛmo bɔne+ biara remma Israel fie so bio, na nkasɛɛ a ano yɛ ya remfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔdi wɔn ho fɛ no mu mma bio; na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade Tumfoɔ Yehowa.”’
25 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Sɛ meboaboa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn kɔ soɔ no mu a,+ me din ho bɛte wɔ amanaman no anim.+ Na wɔbɛtena wɔn asase so,+ asase a mede maa m’akoa Yakob no.+ 26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan+ ayeyɛ bobe nturo.+ Berɛ a mabu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔdi wɔn ho fɛ no atɛn no,+ wɔbɛtena ase dwoodwoo;+ na wɔbɛhunu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”