Galatifoɔ
3 O Galatifoɔ a monni adwene, hwan na ɔgyegyee mo kɔɔ bɔne mu saa,+ mo a wɔdaa no adi pefee mo anim sɛ wɔabɔ Yesu Kristo asɛndua mu no?+ 2 Deɛ mepɛ sɛ mehunu firi mo hɔ ara nie: Ɛnam mmara nnwuma+ so na monyaa honhom+ no, anaasɛ ɛnam asɛm a mofiri gyidie mu tieeɛ+ no so? 3 Enti monni adwene koraa saa? Mode honhom firii aseɛ;+ afei deɛ honam na mode rewie anaa?+ 4 Mohunuu amane pii a mfasoɔ biara amma so anaa?+ Sɛ mfasoɔ biara amma so ampa deɛ a. 5 Ɛnneɛ deɛ ɔma mo honhom,+ na ɔyɛ ahoɔdenneɛ+ mo mu no, ɔnam mmara nnwuma so na ɔyɛ anaasɛ ɔnam asɛm a mofiri gyidie mu tie so? 6 Ɛte sɛ deɛ Abraham “gyee Yehowa diiɛ, na wɔbuu no tenenee maa no”+ no.
7 Monim pefee sɛ wɔn a wɔde gyidie+ tena aseɛ no na wɔyɛ Abraham mma.+ 8 Afei ɛsiane sɛ Twerɛnsɛm no hunu siee sɛ ɛnam gyidie so na Onyankopɔn bɛbu amanaman mufoɔ bem nti, ɛdii kan kaa asɛmpa no kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo nti aman nyinaa bɛnya nhyira.”+ 9 Enti wɔn a wɔde gyidie tena aseɛ no, wɔhyira+ wɔne ɔnokwafoɔ Abraham bom.+
10 Na wɔn a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ nyinaa hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nnome nka obiara a ɔntena deɛ wɔatwerɛ no Mmara nwoma yi mu nyinaa mu na ɔnni soɔ.”+ 11 Afei nso ɛda adi pefee sɛ ɛkaa mmara nnwuma nko ara a, anka wɔremmu obiara sɛ ɔtene+ Onyankopɔn anim, ɛfiri sɛ “gyidie na ɛbɛma ɔteneneeni anya nkwa.”+ 12 Na Mmara no nnyina gyidie so, nanso “deɛ ɔdi soɔ no nam so bɛnya nkwa.”+ 13 Kristo tɔɔ yɛn+ de yii+ yɛn firii Mmara nnome ase na ɔsii yɛn anan bɛyɛɛ deɛ wɔadome no,+ ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: “Wɔadome obiara a wɔsɛn no dua soɔ.”+ 14 Ná atirimpɔ no ne sɛ Abraham nhyira bɛfa Yesu Kristo so aba amanaman no so,+ na yɛnam yɛn gyidie+ so anya honhom a wɔde ahyɛ bɔ+ no.
15 Anuanom, mede mfatoho a ɛfa nnipa ho reka asɛm: Sɛ wɔhyɛ apam bi mu den na sɛ ɛyɛ onipa dea mpo a, obiara ntumi mmɔ ngu anaa ɔmfa bi nka ho.+ 16 Abraham+ ne n’aseni+ na wɔhyɛɛ wɔn bɔ. Ɛnka sɛ: “Na asefoɔ,” te sɛ deɛ ɛfa nnipa bebree ho, na mmom ɛka ɔbaako+ ho asɛm sɛ: “Na w’aseni,”+ a ɔne Kristo.+ 17 Bio nso meka yei: Ɛdefa apam a Onyankopɔn ahyɛ mu den ho no,+ Mmara a ɛbaa ɛno akyi mfeɛ ahanan aduasa+ no ntumi ngu no, na ɛrentumi ntwa bɔhyɛ no mu.+ 18 Na sɛ agyapadeɛ no firi mmara mu a, ɛnneɛ ɛmfiri bɔhyɛ mu bio;+ nanso Onyankopɔn nam bɔhyɛ so na ɔde adom Abraham.+
19 Ɛnneɛ Mmara no bɛyɛɛ dɛn? Wɔde kaa ho na mmarato ada adi+ de akɔsi sɛ aseni a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no bɛba;+ na wɔnam abɔfoɔ+ so de faa ntamgyinafoɔ bi nsa so de maeɛ.+ 20 Na sɛ ɛfa onipa baako ho a, ntamgyinafoɔ mma mu, nanso Onyankopɔn yɛ baako.+ 21 Enti Mmara no tia Nyankopɔn bɔhyɛ ahodoɔ anaa?+ Ɛmpa ngu! Na sɛ mmara a ɛtumi ma nkwa na wɔde maeɛ+ a, ɛnneɛ anka tenenee nam mmara so mmom na ɛbɛba.+ 22 Nanso Twerɛnsɛm+ no kaa nneɛma nyinaa hyɛɛ bɔne ase,+ na ama wɔde bɔhyɛ a ɛfiri Yesu Kristo mu gyidie mu no ama wɔn a wɔgye die.+
23 Nanso ansa na gyidie no reba+ no, wɔde mmara wɛnee yɛn,+ de yɛn sie maa gyidie a na wɔrebɛyi no adie no.+ 24 Ne saa nti Mmara no abɛyɛ yɛn kwankyerɛfoɔ a ɛkyerɛ kwan kɔ Kristo so,+ na wɔnam gyidie so abu yɛn bem.+ 25 Na afei a gyidie no aba+ no, yɛnni kwankyerɛfoɔ ase bio.+
26 Nokorɛm no, mo nyinaa monam Kristo Yesu mu gyidie a mowɔ so yɛ Onyankopɔn mma.+ 27 Na mo a wɔbɔɔ mo asu kɔɔ Kristo mu+ nyinaa, moahyɛ Kristo.+ 28 Yudani nni hɔ na Helani nni hɔ,+ akoa nni hɔ na ɔdehyeɛ nni hɔ,+ ɔbarima nni hɔ na ɔbaa nni hɔ;+ ɛfiri sɛ mo nyinaa yɛ nipa baako wɔ Kristo Yesu mu.+ 29 Bio nso, sɛ moyɛ Kristo dea a, ɛnneɛ na moyɛ Abraham asefoɔ ampa,+ adedifoɔ sɛdeɛ bɔhyɛ bi teɛ.+