Deuteronomium
22 “Sɛ wohunu wo nua nantwie anaa ne dwan sɛ wayera a, ntwe wo ho mfiri ne ho.+ Fa no kɔma wo nua no.+ 2 Na sɛ wo nua no mmɛn wo na wonni no a, ɛnneɛ fa no bra wo nkyɛn wɔ wo fie kɔpem sɛ wo nua no bɛba abɛhu no na wode no ama no.+ 3 Sɛ wo nua afunumu anaa n’atadeɛ anaa ne biribiara yera na wohunu a, saa ara na wobɛyɛ no; worentumi ntwe wo ho.
4 “Sɛ wohunu sɛ wo nua afunumu anaa ne nantwie da kwan mu a, nsian wɔn ho nkɔ. Boa no ma no mma wɔn so.+
5 “Ɔbaa nnhyɛ barima atadeɛ, na barima nso nnhyɛ ɔbaa atadeɛ.+ Yehowa wo Nyankopɔn kyiri obi a ɔyɛ yeinom.
6 “Sɛ wonam na wohunu sɛ anomaa pirebuo sɛn dua so anaa ɛda fam,+ na anomaa mma anaa nkosua wom, na maame no butu ne mma anaa ne nkosua so a, hwɛ na woamfa maame no anka ne mma no ho.+ 7 Ma maame no nkɔ na fa ne mma no. Sɛ woyɛ saa a ɛbɛsi wo yie na wo nna aware.+
8 “Sɛ wosi fie foforɔ a, gye ban wɔ dan no atifi+ na obi amfiri hɔ anhwe ase, na wo fie anni mogya ho fɔ.
9 “Nnua aba mmienu a ɛsono emu biara wɔ wo bobeturo mu,+ anyɛ saa a wɔbɛgye nnɔbaeɛ no ne bobeturo no mu aba nyinaa akɔ kronkronbea hɔ.
10 “Mfa nantwie ne afunumu mmom mfɛntɛm asase.+
11 “Nhyɛ atadeɛ a wɔde odwan nwi ne nwera abom anwene.+
12 “Yɛ wo ntoma a wode kata wo ho no anoano nnan no nnwo.+
13 “Sɛ ɔbarima ware na ɔkɔ ɔbaa no ho na afei ne ho fono no a,+ 14 ebia ɔbɛbɔ no dimmɔne+ agu n’anim ase sɛ, ‘Mewaree ɔbaa yi, nanso mekɔɔ ne ho no, manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu.’+ 15 Ɛba saa a, ababaa no papa ne ne maame mfa deɛ ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabunu mmɛkyerɛ kuro no mu mpanimfoɔ wɔ kuro no pono ano.+ 16 Afei ababaa no papa nka nkyerɛ mpanimfoɔ no sɛ, ‘Mede me babaa maa ɔbarima yi awareɛ, nanso ɔmpɛ+ no. 17 Na ɔbɔ no soboɔ sɛ wayɛ animguasedeɛ+ na ɔka sɛ: “Manhunu hwee a ɛkyerɛ sɛ wo babaa no yɛ ɔbaabunu.”+ Nanso deɛ ɛkyerɛ sɛ me babaa no yɛ ɔbaabunu nie.’ Afei wɔntrɛ nnasoɔ no mu wɔ kurom hɔ mpanimfoɔ anim. 18 Na kurom hɔ mpanimfoɔ+ ntwe ɔbarima no aso.+ 19 Na wɔnnye nnwetɛbena ɔha mfiri ɔbarima no nkyɛn mfa mma ababaa no papa, ɛfiri sɛ wabɔ Israelni baabunu dimmɔne.+ Ɔbɛkɔ so ne no atena sɛ ne yere; ɔrentumi nnyaa no ne nkwa nna nyinaa.
20 “Na sɛ ɛba sɛ asɛm no yɛ nokorɛ na wɔanhunu adanseɛ biara a ɛkyerɛ sɛ ababaa no yɛ ɔbaabunu+ a, 21 ɛnneɛ wɔmfa ababaa no mmɛgyina ne papa fie anim na ne kurom mmarima nsi no aboɔ mma no nwu, ɛfiri sɛ wayɛ aniwudeɛ+ wɔ Israel sɛ wabɔ adwaman wɔ ne papa fie.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi wo mfimfini.+
22 “Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne obi yere ada a,+ ɛsɛ sɛ wɔn mmienu wuo, ɔbarima a ɔyɛɛ saa no ne ɔbaa no nyinaa.+ Yɛ saa fa yi adebɔne firi Israel.+
23 “Sɛ ɔbarima bi nsa da ababaa a ɔyɛ ɔbaabunu so+ na ɔbarima foforɔ hu no kurom na ɔne no da a,+ 24 momfa wɔn mmienu mmra kuro no pono ano na monsi wɔn aboɔ mma wɔnwu. Deɛ enti a ɛsɛ sɛ ababaa no wuo ne sɛ ɔwɔ kurom nso wanteateam, na ɔbarima no nso abrɛ ne yɔnko yere ase.+ Yɛ saa fa yi bɔne firi wo mfimfini.+
25 “Nanso sɛ ɔbarima no kyee ababaa a obi nsa da ne soɔ no wɔ wuram na ɔne no daeɛ a, ɛnneɛ ɔbarima a ɔne no daeɛ no na ɔbɛwuo, 26 na ababaa no deɛ, nyɛ no hwee. Ababaa no nyɛɛ bɔne biara a ɛsɛ owuo, ɛfiri sɛ asɛm yi te sɛ deɛ ɔbarima bi ato ahyɛ ne yɔnko so aku no*+ pɛpɛɛpɛ. 27 Wuram na ɔhunuu no. Ababaa a obi nsa da ne soɔ no teateaam nanso na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.
28 “Sɛ ɔbarima bi hunu ababaa bi a ɔyɛ ɔbaabunu a obiara nsa nna ne soɔ na ɔkye no ne no da+ na wɔhu wɔn a,+ 29 ɔbarima a ɔne no daeɛ no ntua sika nnwetɛbena aduonum mma ɔbaa no papa+ na ɔnware no ɛfiri sɛ wabrɛ no ase. Ɔrentumi nnyaa no ne nkwa nna nyinaa.+