Asomafoɔ Nnwuma
21 Afei berɛ a yɛtumi ne wɔn tetee mu na yɛsii nsuo ani no, yɛkɔɔ tẽẽ kɔduruu Kos, na adeɛ kyeeɛ no yɛkɔɔ Rodo, na yɛfiri hɔ kɔɔ Patara. 2 Na berɛ a yɛhunuu hyɛn bi sɛ ɛretwam akɔ Foinike no yɛkɔforo kɔeɛ. 3 Afei yɛduruu baabi a yɛn ani tua Kipro+ supɔ no, yɛsian ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria,+ na yɛkɔgyinaa Tiro, ɛfiri sɛ ɛhɔ na na wɔbɛyi hyɛn no mu nneɛma.+ 4 Yɛkɔhwehwɛɛ asuafoɔ no hunuu wɔn na yɛtenaa hɔ nnanson. Nanso wɔnam honhom+ no so ka kyerɛɛ Paulo mprɛ pii sɛ ɔnntu ne nan nnsi Yerusalem. 5 Enti berɛ a yɛdii nna no wieeɛ no, yɛsii kwan so toaa yɛn akwantuo no so; na wɔn nyinaa, a mmaa ne mmɔfra nyinaa ka ho, bɛgyaa yɛn kwan kɔduruu kuro no kurotia. Na yɛbuu nkotodwe+ wɔ mpoano hɔ bɔɔ mpaeɛ, 6 na yɛne wɔn dii nkra+ wieeɛ no, yɛkɔforoo hyɛn no na wɔsan kɔɔ wɔn afie.
7 Afei ɛkwan a yɛtu firii Tiro no de yɛn kɔduruu Ptolemai, na yɛkyeakyeaa anuanom no dii wɔn nkyɛn da koro. 8 Adeɛ kyeeɛ no, yɛsiim baa Kaesarea,+ na yɛkɔɔ ɔsɛmpakafoɔ Filipo a na ɔka mmarima nson+ no ho no fie, na yɛtenaa ne nkyɛn. 9 Ná ɔbarima yi wɔ mma mmaa nnan, mmaabunu a wɔhyɛ nkɔm.+ 10 Nanso berɛ a yɛdii nna kakra wɔ hɔ no, odiyifoɔ bi a wɔfrɛ no Agabo+ firi Yudea baeɛ, 11 na ɔbaa yɛn nkyɛn bɛfaa Paulo abɔsoɔ kyekyeree ne nan ne ne nsa kaa sɛ: “Sɛdeɛ honhom kronkron seɛ nie, ‘Saa kwan yi so na Yudafoɔ bɛkyekyere+ ɔbarima a abɔsoɔ yi yɛ ne dea no wɔ Yerusalem na wɔayi+ no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa.’” 12 Enti berɛ a yɛtee saa no, yɛne wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa firii aseɛ srɛɛ no sɛ ɔnnkɔ+ Yerusalem. 13 Ɛnna Paulo buaa sɛ: “Ɛdeɛn na moreyɛ yi sɛ mode su+ rema m’akoma abubuo?+ Monnya abotɔyam, ɛnyɛ sɛ masiesie me ho sɛ wɔbɛkyekyere me nko na mmom sɛ mɛwu+ nso wɔ Yerusalem ama Awurade Yesu din.” 14 Berɛ a wansesa n’adwene no, yɛfaa no saa ara kaa sɛ: “Yehowa pɛ+ na ɛnyɛ hɔ.”
15 Nna yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho maa akwantuo no na yɛsiim kɔɔ Yerusalem.+ 16 Na asuafoɔ a wɔfiri Kaesarea+ no bi nso ne yɛn kɔeɛ de yɛn kɔmaa ɔbarima a yɛbɛsoɛɛ ne fie no, Kiproni bi a wɔfrɛ no Mnason a na ɔka asuafoɔ a wɔdi kan no ho no. 17 Berɛ a yɛduruu Yerusalem+ no, anuanom de anigyeɛ gyee yɛn.+ 18 Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo ne yɛn kɔɔ Yakobo+ nkyɛn, na na mpanimfoɔ no nyinaa wɔ hɔ. 19 Na ɔkyeaa wɔn firii aseɛ kaa deɛ Onyankopɔn nam ne som adwuma+ no so yɛɛ no amanaman no mu ho nsɛm+ nyinaa.
20 Wɔtee yei no, wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Onua, woahunu Yudafoɔ mpempem a wɔyɛ agyidifoɔ; na wɔn nyinaa yɛ nnam wɔ mmara no ho.+ 21 Nanso wɔate wo ho asɛm sɛ worekyerɛkyerɛ Yudafoɔ a wɔwɔ amanaman mu nyinaa ama wɔawae afiri Mose ho,+ na woka kyerɛ wɔn sɛ wɔnntwa wɔn mma twetia+ na wɔnnni amanneɛ no so. 22 Enti afei, ɛdeɛn na yɛbɛyɛ wɔ ho? Deɛ ɛbɛyɛ biara wɔbɛte sɛ woaba. 23 Enti yɛ deɛ yɛreka akyerɛ woɔ yi: Yɛwɔ mmarima nnan a wɔahyɛ bɔ. 24 Fa saa mmarima yi kɔ+ na wo ne wɔn nkɔdwira mo ho na tua ka ma wɔn,+ na wɔnyi wɔn ti.+ Na ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho asɛm a wɔateɛ no nyɛ nokorɛ, na mmom wonam pɛpɛɛpɛ na wo ara nso wodi mmara no so.+ 25 Na agyidifoɔ a wɔfiri amanaman mu no deɛ, yɛde gyinaeɛ a yɛasie no akɔma wɔn sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri deɛ wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom+ ne mogya+ ne mmoa a wɔakum wɔn a wɔanhwie wɔn mogya anguo+ ne adwamammɔ ho.”+
26 Na adeɛ kyeeɛ no, Paulo faa mmarima no ne wɔn kɔdwiraa wɔn ho,+ na wɔkɔɔ asɔrefie hɔ kɔbɔɔ da a wɔbɛwie+ ahodwira no ho amanneɛ, ansa na wɔde wɔn mu biara ho ayɛyɛdeɛ+ ama.+
27 Afei berɛ a nnanson+ no reba awieeɛ, na Yudafoɔ a wɔfiri Asia hunuu no asɔrefie hɔ no, wɔfirii aseɛ maa nnipa no yɛɛ gyegyeegye+ na wɔsosɔɔ ne mu, 28 na wɔteateaam sɛ: “Israel mmarima, mommɛboa! Oyi na ɔkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa wɔ baabiara de sɔre tia ɔman+ no ne Mmara ne ɛha yi, na deɛ ɛsene ne nyinaa no, ɔde Helafoɔ baa asɔrefie ha de bɛguu kronkronbea yi ho fĩ.”+ 29 Deɛ ɛteɛ ne sɛ na wɔadi kan ahunu Efesoni Trofimo+ sɛ ɔka ne ho wɔ kuro no mu, na na wɔsusu sɛ Paulo de no baa asɔrefie hɔ. 30 Na kurom hɔ nyinaa yɛɛ gyegyeegye,+ na kuro no nyinaa bɔɔ twi baeɛ; na wɔsosɔɔ Paulo mu twee no firii asɔrefie hɔ.+ Na ntɛm ara wɔtotoo apono no mu. 31 Na berɛ a wɔrehwehwɛ sɛ wɔbɛku no no, asraafoɔkuo so ɔsahene no nyaa amanneɛbɔ sɛ Yerusalem nyinaa ayɛ gyegyeegye;+ 32 na ntɛm ara na ɔfaa asraafoɔ ne wɔn mpanimfoɔ kɔɔ wɔn soɔ.+ Berɛ a wɔn ani bɔɔ ɔsahene+ no ne asraafoɔ no soɔ no, wɔgyaee Paulo hweɛ.
33 Ɛnna ɔsahene no bɛn hɔ kɔsɔɔ ne mu hyɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu ngu no;+ na ɔfirii aseɛ bisaa onipa korɔ a ɔyɛ ne deɛ wayɛ. 34 Nanso nnipa no bi team ka sei, na ebinom nso aka sei.+ Enti berɛ a wantumi anhunu asɛm no mu yie ɛsiane sakasakayɛ no nti no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra asraafoɔ asoɛeɛ hɔ.+ 35 Nanso berɛ a ɔduruu atwedeɛ no soɔ no, ɛsiane nnipakuo no basabasayɛ nti, asraafoɔ no maa ne so; 36 na nnipadɔm no kɔɔ so dii akyire teateaam sɛ: “Monyi no hɔ.”+
37 Na berɛ a wɔreyɛ de no aduru asraafoɔ asoɛeɛ hɔ no, Paulo bisaa ɔsahene no sɛ: “Mewɔ hokwan sɛ meka asɛm bi kyerɛ wo anaa?” Ɔkaa sɛ: “Wobɛtumi aka Hela kasa? 38 Ɛnyɛ wone Egyptni a nnansa yi ara wokɔfaa amammɔsɛm+ baeɛ a wode mmarima mpemnan a wɔtwe sekan firii adi kɔɔ serɛ soɔ no?” 39 Ɛnna Paulo kaa sɛ: “Nokwasɛm nie, meyɛ Yudani+ a mefiri Tarso+ a ɛwɔ Kilikia, kuro a ɛwɔ din no mu. Enti mesrɛ wo, ma me kwan na me ne ɔmanfoɔ no nkasa.” 40 Berɛ a ɔde hokwan maa no no, Paulo a na ɔgyina atwedeɛ soɔ no nyam+ ne nsa kyerɛɛ nnipa no. Afei berɛ a ɛhɔ yɛɛ komm no, ɔkaa no Hebri+ kasa mu kyerɛɛ wɔn sɛ: