Luka
11 Ɛbaa sɛ na ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ, na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn sɛdeɛ wɔbɔ mpaeɛ,+ sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.”+
2 Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ biara a mobɛbɔ mpaeɛ no,+ monka sɛ, ‘Agya, ma wo din ho nte.+ Ma w’ahennie mmra.+ 3 Ma yɛn da yi aduane+ sɛdeɛ yɛhia no da biara. 4 Na fa yɛn bɔne firi yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn ka;+ na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.’”+
5 Bio nso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo mu hwan na ɔwɔ adamfoɔ a ɔbɛkɔ ne nkyɛn dasuom akɔka akyerɛ no sɛ, ‘Damfo, fɛm me paanoo mmiɛnsa, 6 na seesei ara na m’adamfo bi firi kwan so aba me nkyɛn, na menni hwee a mede bɛsi n’anim’? 7 Na onii no bɛbua sɛ, ‘Gyae me haw.+ Yɛato pono no mu dada, na me mma nkumaa ada wɔ me nkyɛn; merentumi nsɔre mmɛma wo hwee.’ 8 Mese mo sɛ, sɛ ɛyɛ n’adamfo a ɔyɛ nko ara nti a, anka ɔrensɔre mmɛma no hwee, nanso ɛsiane sɛ ɔredwan ne ho nti+ ɔbɛsɔre abɛma no deɛ ɔhia. 9 Enti mese mo sɛ, monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ,+ na mobɛhunu; monkɔ so mmom na wɔbɛbue mo. 10 Na obiara a ɔbisa no nya,+ na obiara a ɔhwehwɛ no hunu, na obiara a ɔbom no wɔbɛbue no. 11 Mo mu hwan koraa na ɔyɛ agya a sɛ ne ba+ bisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛhyɛ ne nsam na ɔremma no apataa? 12 Anaasɛ sɛ ɔbisa kosua nso a, ɔde nyanyankyerɛ bɛhyɛ ne nsam? 13 Enti, sɛ mo a moyɛ abɔnefoɔ mpo nim sɛdeɛ mode akyɛdeɛ pa ma mo mma a,+ hwɛ mprɛ dodoɔ ara a Agya a ɔwɔ soro no de honhom kronkron+ bɛma wɔn a wɔbisa no!”
14 Akyire yi, na ɔretu adaemone afiri mum+ bi mu. Adaemone no firiiɛ no, ɔbarima a ɔyɛ mum no kasaeɛ. Na ɛyɛɛ nnipakuo no nwanwa. 15 Nanso wɔn mu binom kaa sɛ: “Ɔnam adaemone panin Beelsebub so na ɛtu adaemone.”+ 16 Nanso, ebinom a na wɔpɛ sɛ wɔsɔ no hwɛ firii aseɛ hwehwɛɛ sɛnkyerɛnne+ a ɛfiri soro firii ne hɔ. 17 Na ɔhunuu wɔn nsusuiɛ no,+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ahennie biara a ɛne ne ho di asie no dane amamfõ, na efie a mpaepaemu wom no hwe ase.+ 18 Enti sɛ Satan nso ne ne ho di asie a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ahennie agyina?+ Ɛfiri sɛ moka sɛ menam Beelsebub so na ɛtu adaemone. 19 Sɛ menam Beelsebub so na metu adaemone a, hwan so na mo mma+ nam tu wɔn? Yei nti wɔbɛdane atemmufoɔ ama mo. 20 Na sɛ menam Onyankopɔn nsateaa+ so na ɛtu adaemone a, ɛnneɛ Onyankopɔn ahennie anya ato mo.+ 21 Sɛ ɔbarima hoɔdenfoɔ+ bi hyehyɛ ne ho wɛn n’aban a, n’ahodeɛ tena hɔ asomdwoeɛ mu. 22 Nanso sɛ obi a ne ho yɛ den+ sene no bɛto hyɛ ne so di ne so a,+ ɔgye n’akodeɛ a ɔde ne ho ato soɔ no nyinaa, na ɔkyɛ nneɛma a ɔfom wɔ ne nkyɛn no. 23 Deɛ ɔnni m’afa no sɔre tia me, na deɛ ɔne me mmoaboa ano no hwete mu.+
24 “Sɛ honhom fĩ bi firi onipa mu a, ɔkɔfa asase kesee so kɔhwehwɛ homebea, na sɛ wannya bi a, ɔka sɛ ‘Mɛsan akɔ me fie a metu firii mu no mu.’+ 25 Na ɔba a, ɔbɛhunu sɛ wɔaprapra mu kama de nneɛma asiesie mu. 26 Enti ɔsan kɔ kɔfa ahonhom nson+ foforɔ a wɔdi abɔnefosɛm sene no ka ne ho, na wɔba mu bɛtena hɔ; na saa onipa no awieeɛ sɛe sene kane no.”+
27 Na ɔgu so reka yeinom no, ɔbaa bi firi nnipakuo no mu maa ne nne so ka kyerɛɛ no sɛ: “Anigyeɛ ne yafunu+ a ɛnyinsɛnee woɔ ne nufoɔ a wonomeeɛ!” 28 Nanso ɔkaa sɛ: “Dabi, mmom, anigyeɛ ne wɔn a wɔtie Onyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!”+
29 Berɛ a nnipakuo no reboaboa wɔn ho ano no, ɔfirii aseɛ kaa sɛ: “Awoɔ ntoatoasoɔ yi yɛ awoɔ ntoatoasoɔ bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne.+ Nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara gye Yona sɛnkyerɛnne no.+ 30 Na sɛdeɛ Yona+ bɛyɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefoɔ no, saa ara na onipa Ba no nso bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama awoɔ ntoatoasoɔ yi. 31 Wɔbɛnyane anafoɔ fam hemmaa+ no ne saa awoɔ ntoatoasoɔ yi mu nnipa wɔ atemmuo no mu na ɔbɛbu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ ɔfiri asase ano bɛtiee Solomon nyansa, nanso hwɛ! deɛ ɛsene+ Solomon wɔ ha. 32 Wɔbɛnyane Niniwefoɔ ne awoɔ ntoatoasoɔ yi wɔ atemmuo mu na wɔbɛbu wɔn fɔ; ɛfiri sɛ wɔsakraa wɔ deɛ Yona kaeɛ no ho;+ nanso, hwɛ! deɛ ɛsene+ Yona wɔ ha. 33 Sɛ obi sɔ kanea a, ɔmfa nsi akoraeɛ anaa ɔmfa nhyɛ kɛntɛn ase, na mmom ɔde si kaneadua so,+ sɛdeɛ wɔn a wɔba mu no bɛhunu hann no. 34 Nipadua no kanea ne w’ani. Sɛ w’ani hwɛ tẽẽ a, wo nipadua nyinaa nso hyerɛn;+ nanso sɛ ɛdi bɔne akyi a, wo nipadua nso yɛ sum. 35 Enti, momma mo ani nna hɔ. Ebia hann a ɛwɔ mo mu no yɛ sum.+ 36 Enti, sɛ wo nipadua nyinaa hyerɛn na baabiara nyɛ sum a, ne nyinaa bɛhyerɛn+ sɛ deɛ kanea hyerɛn ma wonya hann no.”
37 Berɛ a ɔkaa yei no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no mmɛdidi.+ Enti ɔkɔɔ hɔ kɔtenaa didipono ho. 38 Nanso, berɛ a Farisini no hunuu sɛ wanni kan anhohoro+ ne nsa ansa na ɔredidie no, ɛyɛɛ no nwanwa. 39 Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: “Mo Farisifoɔ, mohohoro kuruwa ne ayowa akyi, na mo mu+ deɛ, afomdeɛ ne amumuyɔ ayɛ mã.+ 40 Nnipa a monni adwene! Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ akyire+ no ara na ɔyɛɛ emu no? 41 Nanso, momfa deɛ ɛwɔ emu no nyɛ adɔeɛ,+ na hwɛ! nneɛma a aka nyinaa ho ate wɔ mo fam. 42 Na mo Farisifoɔ deɛ, monnue, ɛfiri sɛ moyi ɛme ne nunum ne ɛfan foforɔ biara so ntotosoɔ du du,+ nanso mosian atɛntenenee ne Nyankopɔn dɔ ho! Saa nneɛma yi na ɛsɛ sɛ anka moyɛ, na deɛ aka no nso ɛnsɛ sɛ moyi firi mu.+ 43 Monnue mo Farisifoɔ, ɛfiri sɛ mopɛ animu nkonnwa wɔ hyiadan mu ne dwa so nkyea!+ 44 Monnue, ɛfiri sɛ mote sɛ ada a wɔnhunu na nnipa nante soɔ a wɔnnim!”+
45 Ɛnna wɔn a wɔnim+ Mmara no mu baako buaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, sɛ woka saa a yɛn nso woadidi yɛn atɛm.” 46 Na ɔkaa sɛ: “Mo nso monnue, mo a monim mmara no, ɛfiri sɛ mode nnesoa a emu yɛ duro soa nnipa, nanso mo ara momfa mo nsateaa baako mpo nka nnesoa no!+
47 “Monnue, ɛfiri sɛ moto adiyifoɔ no ada, nanso mo agyanom na wɔkum wɔn!+ 48 Nokorɛm no, moyɛ mo agyanom nnwuma ho adansefoɔ, nanso mofoa+ wɔn so, ɛfiri sɛ yeinom na wɔkum+ adiyifoɔ no na mo na moreto wɔn ada. 49 Yei nti na Onyankopɔn nyansa+ nso kaa sɛ, ‘Mɛsoma adiyifoɔ ne asomafoɔ akɔ wɔn nkyɛn, na wɔbɛku wɔn mu binom ataa binom, 50 ma enti wɔbɛbisa adiyifoɔ+ nyinaa mogya a wɔahwie agu firi wiase asefire no afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi hɔ,+ 51 ɛfiri Habel+ mogya so kɔsi Sakaria+ a wɔkum no afɔrebukyia ne asɔrefie no ntam no mogya so.’+ Aane, meka kyerɛ mo sɛ wɔbɛbisa afiri awoɔ ntoatoasoɔ yi hɔ.
52 “Monnue, mo a monim Mmara no, ɛfiri sɛ mogyee nimdeɛ safoa no;+ mo ara moankɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso mosii wɔn kwan!”+
53 Enti ɔfirii hɔ no, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no bɛfum ne ho na wɔbisabisaa no nsɛm foforɔ pii 54 na wɔtɛɛ+ no hwɛɛ sɛ wɔbɛnya+ biribi afiri n’anom anaa.