Filipifoɔ
1 Paulo ne Timoteo, Kristo Yesu nkoa,+ de kɔma akronkronfoɔ a wɔwɔ Kristo Yesu mu a wɔwɔ Filipi+ nyinaa, ne ahwɛfoɔ ne asafo mu asomfoɔ:+
2 Yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom ne asomdwoeɛ nka mo.+
3 Berɛ biara a mɛkae mo no, meda me Nyankopɔn ase daa+ 4 wɔ me nkotɔsrɛ biara a mede anigyeɛ srɛ ma mo nyinaa mu,+ 5 ɛsiane mmoa+ a mode maeɛ wɔ asɛmpa no ho firi da a ɛdi kan de bɛsi nnɛ no nti. 6 Na yei ara mu na mewɔ ahotɔsoɔ, sɛ deɛ ɔfirii adwuma pa ase mo mu no, ɔbɛwie+ akɔsi Yesu Kristo da no.+ 7 Moda m’akoma so,+ enti ɛtene koraa wɔ me fam sɛ mɛnya saa adwene yi wɔ mo nyinaa ho, ɛfiri sɛ mo nyinaa ne me nya adom no mu kyɛfa,+ wɔ m’afiase+ mpokyerɛ ne asɛmpa no ho anoyie+ ne mmara kwan so+ a mede si hɔ no mu.
8 Na Onyankopɔn ne me danseni sɛ ayamhyehyeɛ+ a ɛte sɛ Kristo Yesu deɛ no ara mu na m’ani agyina mo nyinaa. 9 Na deɛ mekɔ so bɔ ho mpaeɛ ne sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so+ wɔ nokorɛ nimdeɛ+ ne nhunumu nyinaa mu,+ 10 na moapɛɛpɛɛ mu ahunu nneɛma a ɛhia koraa no,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a dɛm+ biara remma mo ho na moanto afoforɔ suntidua+ kɔsi Kristo da no, 11 na tenenee aba+ a ɛnam Yesu Kristo so ahyɛ mo mã no de animuonyam ne ayeyie+ abrɛ Onyankopɔn.
12 Afei anuanom, mepɛ sɛ mohunu sɛ me tebea no ama asɛmpa+ no akɔ so mmom, 13 ama enti me mpokyerɛ+ abɛda adi+ Kristo fam wɔ Aban Awɛmfoɔ nyinaa ne wɔn a aka nyinaa mu;+ 14 na anuanom a wɔwɔ Awurade mu dodoɔ no ara a m’afiase mpokyerɛ no ama wɔanya ahotɔsoɔ no de nnamyɛ kɛseɛ reka Onyankopɔn asɛm a wɔnsuro.+
15 Ɛyɛ nokorɛ sɛ anibereɛ ne nitan+ na ebinom de reka Kristo ho asɛm, nanso afoforɔ nso de adwempa na ɛreka.+ 16 Wɔn a wɔde anisɔ yɛ saa no firi ɔdɔ mu na ɛbɔ Kristo dawuro, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ mewɔ ha sɛ mɛgyina asɛmpa no akyi;+ 17 nanso wɔn a wɔde anibereɛ ne nitan reyɛ saa no yɛ mansotwefoɔ,+ wɔnkura adwempa, na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma ahohia+ aba me so m’afiase mpokyerɛ mu. 18 Afei ɛdeɛn? Ɛnyɛ hwee, ɛno ara ne sɛ akwan nyinaa so, sɛ́ ɛyɛ adwemmɔne+ anaa adwempa mu no, wɔrebɔ Kristo dawuro,+ na yei ho na medi ahurisie. Nokorɛm no, mɛkɔ so adi ahurisie nso, 19 ɛfiri sɛ menim sɛ ɛnam mo nkotɔsrɛ+ ne Yesu Kristo honhom+ a mɛnya so na yei bɛma manya nkwa, 20 sɛdeɛ mehwɛ kwan+ dendeenden na m’ani da so+ sɛ m’ani renwu+ kwan biara so, na mmom sɛdeɛ ɛteɛ daa no, nkwa mu oo, owuo mu oo,+ menam me nipadua so de akokoɔduro+ bɛkamfo Kristo seesei nso.+
21 Na me deɛ, sɛ mete ase a, ɛyɛ Kristo,+ na sɛ mewu nso a,+ ɛyɛ mfasoɔ. 22 Na sɛ mekɔ so tena ase honam mu a, yei yɛ m’adwuma mu aba+—nanso deɛ mɛyie deɛ, menka ho asɛm. 23 Na nneɛma mmienu yi hyɛ me so;+ nanso deɛ mepɛ ne sɛ mɛnya me ho atete na maka Kristo ho,+ na yei mmom na ɛyɛ koraa.+ 24 Nanso mo nti na honam mu a mɛkɔ so atena no ho hia.+ 25 Enti mewɔ yei mu ahotɔsoɔ, na menim sɛ mɛtwɛn+ ne mo nyinaa atena hɔ ama moanya nkɔsoɔ+ ne mo gyidie mu anigyeɛ, 26 na ama mo ahurisidie aboro so Kristo Yesu mu wɔ me ho berɛ a maba mo nkyɛn bio no.
27 Ɛno ara ne sɛ momma mo abrabɔ mfata+ Kristo asɛmpa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na sɛ meba bɛhu mo anaasɛ menni hɔ mpo a, mɛte mo ho asɛm sɛ mogyina pintinn wɔ honhom korɔ mu, na mode ɔkra+ korɔ bom di apereɛ ma asɛmpa no gyidie, 28 a moremma mo atamfo+ nhunahuna mo ɛkwan biara so. Yei ara na ɛyɛ ɔsɛeɛ ho adanseɛ ma wɔn, nanso ɛyɛ nkwagyeɛ ma mo;+ na saa sɛnkyerɛnne yi firi Onyankopɔn, 29 ɛfiri sɛ mo na Kristo nti wɔde hokwan no maa mo, na ɛnyɛ sɛ monnya ne mu gyidie+ nko na mmom sɛ monnyina n’ananmu nhunu amane+ nso. 30 Na mowɔ apereperedie korɔ no ara a mohunuu sɛ mewom+ na meda so wom no mu bi.+