Filipifoɔ
3 Afei me nuanom, monkɔ so nni ahurisie Awurade mu.+ Ɛnha me sɛ mɛtwerɛ ade korɔ no ara ho nsɛm abrɛ mo; ɛyɛ ahobammɔ ma mo mmom.
2 Monhwɛ mo ho yie wɔ nkraman no ho,+ monhwɛ mo ho yie wɔ adwumayɛfoɔ bɔne ho, monhwɛ mo ho yie wɔ wɔn a wɔtwitwa honam no ho.+ 3 Ɛfiri sɛ yɛn paa na wɔatwa yɛn twetia+ a yɛnam Onyankopɔn honhom so resom,+ na yɛhoahoa yɛn ho wɔ Kristo Yesu mu+ a yɛmfa yɛn ho nto honam so,+ 4 ɛwom, sɛ obi wɔ hɔ a ɔwɔ biribi a ɔde ne ho bɛto so ɔhonam mu a, anka ɛyɛ me a.
Sɛ onipa foforɔ biara te nka sɛ ɔwɔ biribi a ɔde ne ho bɛto so ɔhonam mu a, mewɔ deɛ ɛboro saa:+ 5 wɔtwaa me twetia da a ɛtɔ so nwɔtwe,+ m’ase firi Israel, Benyamin abusuakuo mu,+ meyɛ Hebrini+ a Hebrifoɔ na ɛwoo me; mmara fam no, meyɛ Farisini;+ 6 mmɔdemmɔ fam no, metaa asafo no;+ mmara no mu tenenee fam no, medaa no adi sɛ asɛm biara nni me ho. 7 Nanso nneɛma a na ɛyɛ mfasoɔ ma me no, mabu no sɛ adehwereɛ, Kristo nti.+ 8 Hwɛ, ɛno nti na nokorɛm no, mebu nneɛma nyinaa sɛ adehwereɛ m’Awurade Kristo Yesu ho nimdeɛ a ɛkyɛn soɔ no nti.+ Ɔno nti na mebu nneɛma nyinaa adehwereɛ na mebu no sɛ nwura dodoɔ,+ na matumi anya Kristo 9 na wɔahu me wɔ ne mu sɛ menni me ara me tenenee a ɛfiri mmara mu akyi,+ na mmom deɛ ɛnam Kristo mu gyidie soɔ,+ tenenee a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a ɛgyina gyidie soɔ no,+ 10 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛhu no ne ne wusɔreɛ tumi no,+ na manya n’amanehunu mu kyɛfa+ de me ho ama owuo a ɛte sɛ ne deɛ no,+ 11 ahwɛ sɛ ebia mɛtumi anya owusɔreɛ+ a ɛdi kan no anaa.
12 Ɛnyɛ sɛ manya dada anaa mayɛ pɛ dada,+ na mmom merebɔ mmɔden+ ahwɛ sɛ me nsa bɛka+ deɛ enti a Kristo Yesu nso nsa aka+ me no. 13 Anuanom, memmu no sɛ me nsa anya aka; na mmom adeɛ baako ne sɛ: Mema me werɛ firi nneɛma a ɛwɔ akyire no,+ na metwe me mu duru nneɛma a ɛwɔ animu no ho,+ 14 berɛ a mebɔ mmɔden sɛ mɛduru botaeɛ no ho+ na manya nkonimboɔ+ a ɛne ɔsoro frɛ+ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a ɛnam Kristo Yesu soɔ no. 15 Enti momma yɛn mu dodoɔ a yɛn ho akokwa+ no nnya saa adwene yi;+ na sɛ mokura adwene foforɔ bi a, Onyankopɔn bɛyi saa adwene yi akyerɛ mo. 16 Sɛdeɛ ɛteɛ biara no, baabi a yɛanya nkɔsoɔ akɔduro no, momma yɛnkɔ so nnante pɛpɛɛpɛ+ wɔ saa kwan yi ara so.
17 Anuanom, momfa baakoyɛ nsuasua+ me, na monhwɛ wɔn a wɔnante sɛdeɛ yɛayɛ ho nhwɛsoɔ akyerɛ mo no.+ 18 Na nnipa bebree wɔ hɔ a na metaa bɔ wɔn din, nanso afei deɛ mede nisuo na ɛbɔ wɔn din sɛ wɔn a wɔnam sɛ Kristo asɛndua no ho atamfo,+ 19 na wɔn awieeɛ yɛ ɔsɛeɛ,+ na wɔn nyame ne wɔn yafunu,+ na wɔn animuonyam wɔ wɔn aniwuo mu,+ na wɔde wɔn adwene asi asase so nneɛma so.+ 20 Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔman mma+ wɔ soro,+ na ɛhɔ nso na yɛretwɛn dendeenden+ sɛ ɔgyefoɔ, Awurade Yesu Kristo, bɛfiri aba,+ 21 na ɔno na ɔbɛsan ayɛ yɛn nipadua a wɔabrɛ no aseɛ no yie+ ama no ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua+ no sɛdeɛ ne tumi a ɔwɔ no yɛ adwuma,+ kyerɛ sɛ, ɛbɛbrɛ nneɛma nyinaa ase+ ahyɛ n’ase.