Yesaia
37 Berɛ a Ɔhene Hesekia tee asɛm no ara na ɔsuanee n’atadeɛ mu na ɔfiraa atweaatam+ kɔɔ Yehowa fie.+ 2 Afei ɔsomaa Eliakim+ a ɔyɛ efiepanin, ne Sebna a ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ,+ ne asɔfoɔ+ mpanimfoɔ kɔɔ Amus ba odiyifoɔ Yesaia nkyɛn;+ ná wɔfirafira atweaatam. 3 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Deɛ Hesekia aka nie, ‘Ɛnnɛ yɛ ahohia+ ne animka ne nsopa+ da, ɛfiri sɛ mma abɛduru awotwaa ano, nanso ahoɔden nni hɔ a wɔde bɛwo wɔn.+ 4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte Rabsake nsɛm no;+ ɔno na ne wura+ Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa+ Onyankopɔn teasefoɔ no. Na nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn ateɛ no nti, ɔbɛma no abu ho akonta.+ Ɛno nti bɔ mpaeɛ ma wɔn a wɔaka wɔ ha no.’”+
5 Enti Ɔhene Hesekia nkoa no kɔɔ Yesaia nkyɛn.+ 6 Na Yesaia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔka nkyerɛ mo wura sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie:+ “Mma nsɛm a Asiria hene nkoa+ aka atia me a woteeɛ no mmmɔ wo hu.+ 7 Mede honhom+ bi bɛhyɛ ne mu, na ɔbɛte amanneɛbɔ+ bi na wasan akɔ n’asase so, na mɛma no atɔ nkrantɛ ano wɔ ɔno ara n’asase so.”’”+
8 Afei Rabsake+ san n’akyi kɔeɛ, na ɔkɔtoo sɛ Asiria hene ne Libna+ reko. Saa berɛ no na wate sɛ wafiri Lakis.+ 9 Ná ɔhene no ate sɛ Etiopia hene Tirhaka+ aba sɛ ɔne no rebɛko. Ɔtee saa no, ntɛm ara na ɔsomaa abɔfoɔ+ kɔɔ Hesekia nkyɛn sɛ: 10 “Monkɔka nkyerɛ Yuda hene Hesekia sɛ, ‘Mma wo Nyankopɔn a wode wo ho ato ne soɔ no nnnaadaa wo+ sɛ: “Wɔremfa Yerusalem nhyɛ Asiria hene nsa.”+ 11 Wo ara woate deɛ Asiria ahemfo de yɛɛ nsase no nyinaa, sɛdeɛ wɔsɛee wɔn pasaa no;+ wo na wobɛnya wo tiri adidi mu anaa?+ 12 Aman a m’agyanom sɛee wɔn no anyame+ tumi gyee wɔn anaa?+ Wɔtumi gyee Gosan+ ne Haran+ ne Resef ne Eden+ mma a na wɔwɔ Tel-Asar no? 13 Ɛhe na Hamat+ hene ne Arpad+ hene ne Sefarwayim+ ne Hena ne Iwa+ nkuro so ahemfo no wɔ?’”
14 Ɛnna Hesekia gyee krataa no firii abɔfoɔ no nsam kenkaneeɛ,+ na Hesekia kɔɔ Yehowa fie kɔtrɛɛ mu wɔ Yehowa anim.+ 15 Na Hesekia bɔɔ Yehowa mpaeɛ+ sɛ: 16 “O asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn+ a wote kerubim soɔ, wo nko ara wone nokorɛ Nyankopɔn, asase so ahennie nyinaa so.+ Wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.+ 17 O Yehowa, yɛ aso na tie.+ Yehowa, bue w’ani+ na hwɛ, na tie nsɛm a Senaherib+ asoma sɛ wɔmfa mmɛtwa Onyankopɔn teasefoɔ no mpoa.+ 18 Yehowa, ɛyɛ nokorɛ sɛ Asiria ahemfo asɛe nsase nyinaa ne wɔn ara asase.+ 19 Na wɔtoo wɔn anyame guu egya mu,+ ɛfiri sɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne aboɔ, enti wɔsɛee wɔn.+ 20 Enti afei, O Yehowa, yɛn Nyankopɔn,+ yɛsrɛ wo, gye yɛn firi ne nsam+ na asase so ahennie nyinaa nhunu sɛ wo, Yehowa, wo nko ara ne Onyankopɔn.”+
21 Na Amus ba Yesaia soma kɔka kyerɛɛ Hesekia sɛ: “Deɛ Israel Nyankopɔn Yehowa aka nie, ‘Asiria hene Senaherib ho mpaeɛ a wobɔɔ me no nti,+ 22 Yehowa asɛm a waka atia no nie:
“Sion babaa, ɔbaabunu no, abu wo animtia, na wo ho yɛ no sere.+
Yerusalem babaa no awoso ne ti wɔ w’akyi.+
23 Hwan na woatwa no mpoa+ akasa atia no yi?+
Hwan na woama wo nne so wɔ ne soɔ+
Na wohããhãã w’ani kyerɛ no yi?+
Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+
24 Wonam wo nkoa so atwa Yehowa mpoa aka sɛ,+
‘Mede me nteaseɛnam bebree no bɛkɔ,+
Mede bɛforo akɔ mmepɔ atifi,+
Na makɔ Lebanon akyirikyiri nohoa;+
Mɛtwitwa ne ntweneduro atenten no ne ne popaw nnua fɛfɛ+ no agu.
Mɛforo akɔ ɔsoro nohoa, ne kwaeɛ turo mu.+
25 Me na mɛtutu fam na manom nsuo,
Na mede me nan bɛma Egypt Nil+ nsuka nyinaa awe.’+
26 Wonteeɛ anaa?+ Mebɔɔ me tirim sɛ mɛyɛ akyɛ.+
Ɛfiri tete na mehyɛ too hɔ.+ Afei mɛma no aba mu.+
Na wobɛma nkuro a ɛyɛ den adane amamfõ a wɔayɛ no pasaa.+
27 Na emu nnipa nsam bɛhodwo;+
Ehu bɛka wɔn na wɔn anim agu ase.+
Wɔbɛyɛ sɛ asase so wura ne serɛ mono,+
Wɔbɛyɛ sɛ dan so serɛ+ ne afuo mu wura a apueeɛ mframa abɔ no.+
28 Sɛdeɛ wote hɔ dwoodwoo ne wo nkorɔeɛ+ ne wo mmaeɛ nyinaa, menim,+
Na menim sɛdeɛ w’ani abere me soɔ.+
29 W’ani abere me so+ na wo mmobɔmu abɛduru m’asom.+
Enti me nso mede me daawa bɛwura wo hwene mu na mede me nnareka ato w’ano,+
Na ɛkwan a wofaa so baa ha no, ɛno ara so na mɛma woafa akorɔ.”+
30 “‘Yei bɛyɛ sɛnkyerɛnne ama wo: Afe yi, mobɛdi ntwakaeɛ a afifire;+ afe a ɛtɔ so mmienu no, mobɛdi aba a ɛno ara afifire; nanso afe a ɛtɔ so mmiɛnsa no deɛ, mongu aba na montwa, na monyɛ bobe nturo na monni mu aba.+ 31 Na Yuda fiefoɔ a wɔafiri mu aka+ no bɛgye nhini akɔ fam, na wɔbɛnyini akɔ soro na wɔaso aba.+ 32 Na nkaefoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,+ na wɔn a wɔanya wɔn tiri adidi mu no bɛfiri Bepɔ Sion so aba.+ Asafo Yehowa nnamyɛ na ɛbɛyɛ yei.+
33 “‘Enti deɛ Yehowa aka afa Asiria hene ho nie:+ “Ɔremma kuro yi mu,+ na ɔrento agyan mma ha; ɔremfa ɛkyɛm mma ha, na ɔrensi akoban wɔ ho.”’+
34 “Yehowa aka sɛ: ‘Ɛkwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛfa akorɔ, na ɔremma kuro yi mu.+ 35 Na ko na mɛko agye+ kuro yi, me+ ne m’akoa Dawid nti.’”+
36 Afei Yehowa bɔfoɔ+ firi kɔkunkum Asiriafoɔ nsraban no mu+ nnipa mpem ɔha aduɔwɔtwe nnum. Berɛ a nkurɔfoɔ sɔree anɔpatutuutu no, wɔnkɔhwɛ a, wɔn nyinaa afunu sam hɔ.+ 37 Enti Asiria hene Senaherib+ san n’akyi+ kɔeɛ, na ɔkɔtenaa Niniwe.+ 38 Ɛbaa sɛ berɛ a ɔkɔɔ ne nyame+ Nisrok+ fie kɔkotoeɛ no, ɔno ara ne mma Adramelek ne Sareser de nkrantɛ kuu no,+ na wɔdwane kɔɔ Ararat+ asase so. Na ne ba Esar-Haddon+ bɛdii n’adeɛ.