Dwom 2:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 Asase so ahemfo sɔre gyina,+Na atumfoɔ bom+Sɔre tia Yehowa+ ne deɛ wasra no no.+ Dwom 10:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Adɛn nti na ɔdebɔneyɛfoɔ bu Onyankopɔn animtia?+Ɔka no n’akomam sɛ: “Woremmu atɛn.”+ Dwom 46:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Amanaman yɛɛ gyegyeegye,+ ahennie wosowosoeɛ;Ɔde ne nne boboom, na asase naneeɛ.+ Yesaia 10:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Akuma bɛma ne ho so wɔ deɛ ɔde rebu nnua so, anaa sradaa bɛma ne ho so asene deɛ ɔde twa adeɛ no? Enti poma bɛtumi ahim deɛ ɔma soɔ no, na abaa bɛtumi ama deɛ ɔnyɛ dua so?+ Yesaia 37:23 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 23 Hwan na woatwa no mpoa+ akasa atia no yi?+Hwan na woama wo nne so wɔ ne soɔ+Na wohããhãã w’ani kyerɛ no yi?+Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+
15 Akuma bɛma ne ho so wɔ deɛ ɔde rebu nnua so, anaa sradaa bɛma ne ho so asene deɛ ɔde twa adeɛ no? Enti poma bɛtumi ahim deɛ ɔma soɔ no, na abaa bɛtumi ama deɛ ɔnyɛ dua so?+
23 Hwan na woatwa no mpoa+ akasa atia no yi?+Hwan na woama wo nne so wɔ ne soɔ+Na wohããhãã w’ani kyerɛ no yi?+Ɛyɛ Israel Kronkronni no!+