24 Na sɛdeɛ egya di buronan+ na gyaframa mene serɛ a awoɔ no, saa ara na wɔn nhini bɛporɔ abɔn+ na wɔn nhwiren ahu akɔ sɛ mfuturo, ɛfiri sɛ wɔapo asafo Yehowa mmara,+ na wɔmfa Israel Kronkronni no asɛm nyɛ hwee.+
20 Saa da no, Israel nkaefoɔ+ ne Yakob fie adwanefoɔ remfa wɔn ho ntwere deɛ ɔhwee wɔn no bio.+ Mmom wɔde wɔn ho bɛtwere Yehowa, Israel Kronkronni no,+ wɔ nokorɛdie mu.+
7 Na mɛma wɔahunu me din kronkron no wɔ me man Israel mu, na meremma wɔngu me din kronkron no ho fĩ+ bio, na amanaman no bɛhunu sɛ mene Yehowa,+ Ɔkronkronni a ɔwɔ Israel no.’+