Adiyisɛm
19 Yeinom akyi no, metee biribi te sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne a ano yɛ den wɔ ɔsoro.+ Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ!+ Nkwagyeɛ+ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn dea,+ 2 ɛfiri sɛ n’atemmuo yɛ nokorɛ na ɛtene.+ Na wabu odwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ sɛee asase no atɛn, na wama no atua ne nkoa mogya so ka.”+ 3 Ntɛm ara na wɔkaa no ne mprenu soɔ sɛ: “Monyi Yah ayɛ!+ Na wisie a ɛfiri ne mu no foro kɔ soro daa daa.”+
4 Na mpanimfoɔ aduonu nnan+ ne honhom abɔdeɛ nnan+ no hwehwee fam som Onyankopɔn a ɔte ahennwa no soɔ no,+ na wɔkaa sɛ: “Amen! Monyi Yah ayɛ!”+
5 Afei ɛnne bi firi ahennwa no so baa sɛ: “Monyi Onyankopɔn ayɛ, mo a moyɛ ne nkoa+ a mosuro no nyinaa, nketewa ne akɛseɛ.”+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuo kɛseɛ bi nne ne nsuo pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyegyeeɛ. Wɔkaa sɛ: “Monyi Yah ayɛ,+ ɛfiri sɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ+ no afiri aseɛ redi hene.+ 7 Momma yɛnni ahurisie na yɛn ani nnye mmoro so, na momma yɛnhyɛ no animuonyam,+ ɛfiri sɛ Adwammaa no ayeforɔhyia+ aduru+ na ne yere asiesie ne ho.+ 8 Aane, wɔama no kwan sɛ ɔmfira nwera pa a ɛho te hyɛnn, ɛfiri sɛ nwera pa no gyina hɔ ma akronkronfoɔ no adetenenee.”+
9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Twerɛ sɛ: Anigyeɛ ne wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn+ Adwammaa no ayeforɔhyia apontoɔ ase.”+ Bio nso, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yei ne nokwasɛm a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.”+ 10 Afei mehwee ne nan ase sɛ merekoto no.+ Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hwɛ yie! Nyɛ saa!+ Meyɛ akoa ara kwa te sɛ wo ne wo nuanom a wɔkura Yesu ho adansedie adwuma mu no.+ Som Onyankopɔn;+ ɛfiri sɛ Yesu ho adansedie na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”+
11 Na mehunuu sɛ ɔsoro abue, na hwɛ! ɔpɔnkɔ fitaa bi nie.+ Na wɔfrɛ deɛ ɔte ne soɔ no Ɔnokwafoɔ+ a wɔwɔ Ne mu ahotɔsoɔ,+ na ɔbu atɛn, tu sa tenenee mu.+ 12 N’ani yɛ gyaframa,+ na ahemmotire bebree bobɔ ne ti.+ Ɔwɔ din+ bi a wɔatwerɛ a obiara nnim gye ɔno nko ara, 13 na ɔhyɛ atadeɛ ngugusoɔ bi a mogya abɔ apete mu,+ na edin a wɔde frɛ no ne Onyankopɔn Asɛm.+ 14 Afei nso na asafodɔm a wɔwɔ soro no tete apɔnkɔ fitafitaa so di n’akyi hyehyɛ nwera pa fitaa a ɛho teɛ. 15 Na nkrantɛ tenten nnamnam bi firi n’anom pue+ a ɔde bɛbobɔ amanaman no, na ɔde dadeɛ poma bɛyɛn wɔn.+ Na bio nso ɔtiatia adeɛ nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn abufuhyeɛ+ nsã-kyi-amena+ no so. 16 Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu n’atadeɛ ngugusoɔ mu wɔ ne srɛ so sɛ, ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade.+
17 Afei nso mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina awia mu, na ɔde nne kɛseɛ teaam ka kyerɛɛ nnomaa+ a wɔtu fa wiem nyinaa sɛ: “Mommra mmɛhyia Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase, 18 na mommɛdi ahemfo nam+ ne asahene nam ne ahoɔdenfoɔ+ nam ne apɔnkɔ+ ne wɔn a wɔtete wɔn soɔ no nam, ne obiara nam, adehyeɛ ne nkoa, nketewa ne akɛseɛ.”
19 Na mehunuu akekaboa+ no ne asase so ahemfo+ ne wɔn asafodɔm a wɔaboaboa wɔn ho ano sɛ wɔne deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no soɔ+ no ne ne dɔm rebɛko.+ 20 Na wɔkyee aboa+ no ne atorɔ diyifoɔ+ a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnne+ wɔ n’anim de daadaa wɔn a wɔnyaa aboa no agyinahyɛdeɛ+ no ne wɔn a wɔsom ne honi+ no. Afei wɔtoo wɔn mmienu nyinaa animono guu egya tadeɛ a sɔfe wom no mu.+ 21 Na wɔn a aka no, wɔde deɛ ɔte pɔnkɔ no so+ no nkrantɛ tenten a ɛfiri n’anom+ baeɛ no kunkum wɔn. Na nnomaa+ no nyinaa dii wɔn nam+ mee.+