1 Berɛsosɛm
28 Dawid boaboaa Israel mpanimfoɔ+ nyinaa ano wɔ Yerusalem, mmusuakuo mpanimfoɔ,+ akuakuo a wɔsom ɔhene no mpanimfoɔ,+ apem apem+ ne ɔha ha+ so mpanimfoɔ, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ɔhene ne ne mma+ nneɛma+ ne wɔn nyɛmmoa+ nyinaa soɔ, ne ahemfie mpanimfoɔ+ ne nnɔmmarima,+ ne mmarima akokoɔdurofoɔ a aka nyinaa. 2 Ɛnna Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ:
“Me nuanom ne me man, montie me. Me deɛ, na ɛda m’akoma so+ sɛ mɛsi homebea ama Yehowa apam adaka no na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ,+ na mesiesiee me ho sɛ mɛsi.+ 3 Na nokorɛ Nyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Ɛnyɛ wo na wobɛsi fie ama me din;+ woyɛ akodie nipa, na woaka mogya agu.’+ 4 Yehowa, Israel Nyankopɔn yii me firii me papa fiefoɔ nyinaa mu+ sɛ menyɛ Israel hene+ afebɔɔ; Yuda na ɔyii no ɔkannifoɔ,+ na Yuda abusua mu nso, ɔyii me papa fie,+ na me papa mma+ mu nso, me na ɔgyee me too mu+ sɛ memmɛyɛ Israel nyinaa hene; 5 (Yehowa ama me mma pii)+ na me mma nyinaa mu no, me ba Solomon+ na ɔyii no sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahennie adwa+ a ɛwɔ Israel no soɔ.
6 “Afei nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo ba Solomon na ɔbɛsi me fie+ ne m’adihɔ; ɛfiri sɛ mafa no ayɛ me ba,+ na me na mɛyɛ n’agya.+ 7 Na sɛ ɔsi ne bo pintinn sɛ ɔbɛdi me mmara nsɛm+ ne m’atemmusɛm+ so sɛdeɛ ɔyɛ no nnɛ yi a, me nso mɛma n’ahennie+ atim akɔsi daa.’ 8 Megyina Israel, Yehowa asafo+ nyinaa anim, ka no Onyankopɔn asom+ sɛ, monhwɛ nni Yehowa mo Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa so, na monhwehwɛ akyire kwan na moanya asase pa+ no adi, na mode ayɛ agyapadeɛ agya mo mma a wɔbɛdi mo akyi aba no akɔsi daa.
9 “Na wo, me ba Solomon, hunu+ Onyankopɔn a wo papa som+ no no, na fa akoma+ a ɛdi mũ ne ɔkra+ mu anigyeɛ som no; ɛfiri sɛ Yehowa hwehwɛ akoma nyinaa mu,+ na ɔhunu emu adwene nyinaa.+ Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no,+ na sɛ wogya no a,+ ɔno nso bɛto wo atwene koraa.+ 10 Hwɛ, Yehowa na wayi woɔ sɛ si fie ma ɛnyɛ kronkronbea. Nya akokoɔduro na keka wo ho.”+
11 Na Dawid de abantenten+ no ne ɛho adan, ne n’adekoradan,+ ne n’abansoro pia,+ ne pia mu mpia, ne mpata mmuasoɔ+ dan no nsususoɔ+ maa ne ba Solomon; 12 ɔde biribiara a Onyankopɔn nam honhom+ so de maa no ho nsususoɔ maa no, Yehowa fie adihɔ,+ ne adidibea+ a ɛwowɔ ho nyinaa, ne akwankyerɛ a ɛfa nokorɛ Nyankopɔn fie akoradeɛ ne akoradeɛ a wɔayɛ no kronkron+ no ho; 13 ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu,+ ne Yehowa fie adwuma nyinaa, ne Yehowa fie adwuma anwenneɛ nyinaa; 14 ne sika dodoɔ a wɔnkarie, sika a wɔmfa nyɛ ɔsom ho anwenneɛ nyinaa, ne dwetɛ anwenneɛ+ a wɔnkari mfa nyɛ ɔsom ho nneɛma nyinaa; 15 ne sika dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ sika nkaneadua+ ne ɛho sika nkanea, sɛdeɛ sika kaneadua ne sika kanea biara mu duro teɛ; ne dwetɛ dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ nkaneadua ne ɛho nkanea, sɛdeɛ kaneadua biara dwumadie teɛ; 16 ne sika dodoɔ a wɔnkari mfa nyɛ apono a wɔhyehyɛ paanoo+ wɔ so de kyerɛ, ne dwetɛ dodoɔ a wɔmfa nyɛ dwetɛ apono; 17 ne adinam ne nyaawa+ ne mpɔreɛ a wɔde sika amapa ayeyɛ ne sika nkuruwa,+ sɛdeɛ kuruwa biara mu duro teɛ, ne dwetɛ nkuruwa, sɛdeɛ kuruwa biara mu duro teɛ; 18 ne sika amapa dodoɔ a wɔmfa nyɛ aduhwam afɔrebukyia+ no, ne teaseɛnam+ no nsususoɔ, kyerɛ sɛ, sika kerubim+ a wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata Yehowa apam adaka soɔ no. 19 “Wɔatwerɛ+ ne nyinaa ato hɔ ɛfiri sɛ ná Yehowa nsa wɔ me so, na ɔmaa me ɛdan no nsususoɔ+ nyinaa ho nhunumu.”
20 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Nya akokoɔduro,+ yɛ den na keka wo ho. Nsuro,+ na mmɔ hu+ nso, na Yehowa Nyankopɔn, me Nyankopɔn no ka wo ho.+ Ɔrempa wo+ na ɔrennya wo kɔsi sɛ wobɛwie Yehowa fie adwuma no nyinaa. 21 Na asɔfoɔ+ ne Lewifoɔ+ no nkyekyɛmu a wɔde bɛyɛ nokorɛ Nyankopɔn fie adwuma nyinaa nie; obiara a ɔwɔ adwuma biara ho nimdeɛ+ no, ɔfiri n’akoma mu+ bɛba abɛboa wo, na mpanimfoɔ+ ne ɔman no nyinaa bɛdi wo nsɛm nyinaa so.”