Hesekiel
37 Na Yehowa nsa baa me so,+ na Yehowa nam ne honhom+ so de me kɔgyinaa ɛbɔn kɛseɛ no mfimfini, na na nnompe ayɛ mu mã.+ 2 Na ɔde me faa ho nyinaa hyiaeɛ, na hwɛ, ayɛ ɛbɔn no mu bebree, na na ɛho awo wesee.+ 3 Na ɔbisaa me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi bɛtumi anya nkwa nie?” Ɛnna mekaa sɛ: “Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na wonim.”+ 4 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nnompe yi ho nkɔm na ka sɛ, ‘O nnompe a awo wesee, montie Yehowa asɛm:
5 “‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka akyerɛ nnompe yi nie: “Mede home bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa.+ 6 Afei mede ntini ne ɛnam bɛtuatua mo ho na mede wedeɛ adura mo ho, na mede home bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa;+ na mobɛhunu sɛ mene Yehowa.”’”+
7 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔkaeɛ no.+ Na berɛ a mehyɛɛ nkɔm no, metee nnyegyeeɛ bi, na nnompe no de kikirikikiri twe bɛneeɛ, na dompe bɛsii dompe anim. 8 Na mehunuu sɛ ntini ne nam abɛtuatua ho, na wedeɛ bɛduraa ho. Nanso na home biara nnim.
9 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ mframa. Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka kyerɛ mframa sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “O mframa, firi mframa nnan no mu bɛbɔ fa nnipa a wɔakunkum wɔn+ yi so na wɔnnya nkwa.”’”+
10 Na mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ me no, na home bɛhyɛɛ wɔn mu, na wɔnyaa nkwa, na wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so,+ asraafoɔdɔm kɛseɛ paa.
11 Na ɔsan ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, nnompe yi gyina hɔ ma Israel fie nyinaa.+ Wɔka sɛ, ‘Yɛn nnompe ho awo wesee, na yɛn anidasoɔ ayera.+ Wɔato yɛn asaworam.’ 12 Enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Me man, hwɛ, merebuebue mo adamena ano,+ na mɛyi mo afiri mo adamena mu de mo akɔ Israel asase so.+ 13 O me man, sɛ mebue mo adamena ano yi mo firi mo adamena mu a, mobɛhunu sɛ mene Yehowa.”’+ 14 ‘Na mede me honhom bɛhyɛ mo mu na moanya nkwa,+ na mede mo bɛtena mo asase so. Afei mobɛhunu sɛ me Yehowa na maka na mayɛ nso,’ Yehowa asɛm nie.”+
15 Na Yehowa ka kyerɛɛ me bio sɛ: 16 “Onipa ba, hwehwɛ dua+ bi na twerɛ so sɛ, ‘Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no dea.’+ Fa dua foforɔ nso na twerɛ so sɛ, ‘Yosef dea, Efraim dua,+ ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa.’+ 17 Na ka mmienu no bom yɛ no dua baako, na ampa ara ɛbɛyɛ baako wɔ wo nsam.+ 18 Na sɛ wo man mufoɔ bisa wo sɛ, ‘Adɛn, worenkyerɛ yɛn deɛ yei kyerɛ ma woɔ?’+ a, 19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma no ayɛ dua baako,+ na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.”’ 20 Ma nnua a wobɛtwerɛ soɔ no nkɔ so nhyɛ wo nsam wɔ wɔn anim.+
21 “Na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Awurade Tumfoɔ Yehowa aka nie: “Hwɛ, mɛyi Israelfoɔ afiri aman a wɔkɔɔ soɔ no so na maboaboa wɔn ano afiri mmaa nyinaa de wɔn aba wɔn asase so.+ 22 Na mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so,+ Israel mmepɔ so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so,+ na wɔrenkɔ so nyɛ aman mmienu bio, na wɔn mu rempaepae nyɛ ahennie mmienu bio.+ 23 Afei wɔremfa wɔn abosom fĩ ne wɔn abofonodeɛ ne wɔn mmaratodeɛ ngu wɔn ho fĩ bio.+ Na mɛgye wɔn afiri bɔne a wɔyɛɛ no wɔn atenaeɛ nyinaa no mu na mate wɔn ho.+ Afei wɔbɛyɛ me man na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn.+
24 “‘“Na m’akoa Dawid bɛdi wɔn so hene+ na odwanhwɛfoɔ baako ahwɛ wɔn nyinaa;+ na wɔbɛnante m’atemmusɛm mu+ na wɔakora m’ahyɛdeɛ so,+ na wɔadi so.+ 25 Na wɔbɛtena asase a mede maa m’akoa Yakob a mo agyanom tenaa soɔ+ no so; wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena so daa,+ na m’akoa Dawid bɛyɛ wɔn berempɔn daa.+
26 “‘“Na me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam,+ apam a ɛbɛtena hɔ daa.+ Na mede wɔn bɛdua wɔn asase so ama wɔadɔ ayɛ bebree.+ Na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mfimfini daa.+ 27 Mede me ntomadan bɛsi wɔn so+ na mayɛ wɔn Nyankopɔn na wɔn nso ayɛ me man.+ 28 Na sɛ mede me kronkronbea si wɔn mfimfini daa a, amanaman no bɛhunu sɛ me Yehowa+ na mate Israel ho.”’”+