Exodus
2 Saa berɛ no, ɔbarima bi a ɔfiri Lewi fie kɔwaree Lewi babaa+ bi. 2 Ɔbaa no nyinsɛn woo ɔbabarima. Na berɛ a ɔhunuu sɛdeɛ ne ho yɛ fɛ no, ɔde no siee+ abosome mmiɛnsa.+ 3 Berɛ a ɔhunuu sɛ ɔntumi mfa no nsie bio no,+ ɔfaa demmire kɛntɛn* bi de kootaa ne aman+ yɛɛ ho na ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii wura bi mu+ wɔ Nil asubɔnten ho. 4 Afei ne nuabaa kɔgyinaa baabi hwɛɛ deɛ ɛbɛto no.+
5 Akyire yi Farao babaa baa Nil asubɔnten ho sɛ ɔrebɛdware, na na ne mmaawa nenam asubɔnten no ho. Na ɔhunuu sɛ kɛntɛn bi si nwura no mu. Ɛhɔ ara na ɔsomaa n’abaawa baako sɛ ɔnkɔfa mmra.+ 6 Ɔbuee soɔ no, ɔhunuu sɛ abarimaa no da mu a ɔresu. Na ɔyɛɛ no mmɔbɔ+ na ɔkaa sɛ: “Hebrifoɔ no bi ba nie.” 7 Ɛnna ne nuabaa no bisaa Farao babaa no sɛ: “Menkɔfrɛ Hebrifoɔ mmaa a wɔgyegye mmɔfra no bi na ɔmmɛhwɛ no mma wo anaa?” 8 Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ!” Na ntɛm ara abaayewa no kɔfrɛɛ abɔfra no maame+ baeɛ. 9 Na Farao babaa no ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa abɔfra yi kɔhwɛ no ma me, na mɛtua wo ka.”+ Na ɔbaa no faa abɔfra no kɔhwɛɛ no. 10 Abɔfra no nyiniiɛ no, ɔde no kɔmaa Farao babaa no na ɔde no yɛɛ ne ba.+ Ɔtoo ne din Mose, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Nsuo mu na meyii no firiiɛ.”+
11 Afei berɛ a Mose nyini yɛɛ ɔbarima mua no, ɔfirii adi kɔɔ ne nuanom nkyɛn kɔhwɛɛ adwumaden a wɔreyɛ no;+ na ɔhunuu sɛ Egyptni bi reboro ne nuanom Hebrifoɔ no baako.+ 12 Berɛ a ɔhwɛɛ ha ne ha a ɔhunuu sɛ obiara nni hɔ no, ɔbɔɔ Egyptni no kum no, na ɔde no hyɛɛ anwea mu.+
13 Na adeɛ kyeeɛ a ɔfirii adie no, ɔhunuu sɛ Hebrifoɔ mmienu bi reko. Enti ɔbisaa deɛ ɔdi fɔ no sɛ: “Adɛn nti na woreboro wo yɔnko no?”+ 14 Ɛnna ɔbisaa no sɛ: “Hwan na ɔyii wo ɔberempɔn ne ɔtemmufoɔ yɛn soɔ?+ Wopɛ sɛ woku me sɛdeɛ wokum Egyptni no+ anaa?” Afei Mose bɔɔ hu na ɔkaa sɛ: “Ei, asɛm yi apue!”+
15 Akyire yi Farao tee asɛm no na ɔpɛɛ sɛ ɔku Mose,+ nanso Mose dwane+ firii Farao hɔ sɛ ɔrekɔ Midian+ asase so; na ɔkɔtenaa abura bi ho. 16 Ná Midian sɔfoɔ+ wɔ mma mmaa nson, na sɛdeɛ wɔtaa yɛ no, wɔbɛsaa nsuo de hyɛɛ suka no mã na wɔn papa nnwan no anom.+ 17 Na nnwanhwɛfoɔ bi ba bɛpamoo wɔn. Ɛnna Mose sɔre boaa mmaa no, na ɔmaa wɔn mmoa no nsuo.+ 18 Berɛ a wɔkɔɔ fie no, wɔn papa Reuel+ teaam sɛ: “Ɛnnɛ deɛ, ɛyɛɛ dɛn na moaba fie ntɛm saa?” 19 Ɛnna wɔbuaa sɛ: “Egyptni bi+ na ɔgyee yɛn firii nnwanhwɛfoɔ no nsam. Afei ɔsan saa nsuo maa nnwan no nomeeɛ.” 20 Na ɔbisaa ne mma mmaa no sɛ: “Ɔwɔ he? Adɛn na moagya no hɔ? Monkɔfrɛ no mma no mmɛdidi.”+ 21 Na Mose penee so sɛ ɔbɛtena ɔbarima no nkyɛn, na ɔde ne babaa Sipora+ maa Mose. 22 Akyire yi, ɔwoo ɔbabarima na Mose too ne din Gersom,+ ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: “Meyɛ hɔhoɔ a mabɛtena ananafoɔ asase soɔ.”+
23 Awieeɛ koraa no Egypt hene no wuiɛ,+ nanso Israel mma no kɔɔ so sii apini, nkoasom no nti;+ na wɔsu+ hwehwɛɛ ɔboafoɔ, na wɔn nkoasom mu sufrɛ kɔduruu nokorɛ Nyankopɔn asom. 24 Na Onyankopɔn tee+ wɔn apinisie+ na ɔkaee apam a ɔne Abraham ne Isak ne Yakob yɛeɛ no.+ 25 Enti Onyankopɔn hwɛɛ Israelfoɔ no, na deɛ ɛtoo wɔn nyinaa na Onyankopɔn ani tua.