1 Ahemfo
10 Na Saba+ hemmaa tee Solomon ho asɛm ne sɛdeɛ ama Yehowa din soɔ.+ Enti ɔbaa sɛ ɔde aborɔme rebɛsɔ no ahwɛ.+ 2 Ɔde dɔm kɛseɛ paa+ ne yoma+ a wɔsosõ balsam ngo+ ne sika pii pa ne aboɔden aboɔ baa Yerusalem. Ɔbɛduruu Solomon nkyɛn, na ɔkaa biribiara a ɛda n’akoma so kyerɛɛ ɔhene.+ 3 Ɛnna Solomon nso buaa no ne nsɛm no nyinaa.+ Biribiara nni hɔ a ɛkyeree ɔhene so a wantumi ankyerɛ no.+
4 Berɛ a Saba hemmaa hunuu Solomon nyansa+ nyinaa, ne efie a wasie,+ 5 ne ne pono so nnuane,+ ne ne nkoa atenaeɛ, ne n’asomfoɔ a wɔsom ɛpono ho ne wɔn ntadeɛ, ne nsã+ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔbɔ no daa wɔ Yehowa fie no, asɛm no mee ɔhemmaa+ no. 6 Enti ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Wo nyansa ne wo ho nsɛm a metee no m’asase soɔ nyinaa, mahunu sɛ ɛyɛ nokorɛ.+ 7 Mannye nsɛm no anni kɔsii sɛ me ara mede m’ani bɛhunuiɛ; deɛ wɔka kyerɛɛ me no, nokwasɛm nie, ɛnnuru fã mpo!+ Wo nyansa ne w’ahonyadeɛ boro deɛ metee ho asɛm no koraa.+ 8 Anigyeɛ ne wo nkurɔfoɔ;+ anigyeɛ+ ne wo nkoa yi a wɔgyina w’anim daa tie wo nyansa no!+ 9 Nhyira nka Yehowa wo Nyankopɔn;+ ɔno na ayɛ no fɛ+ sɛ ɔde wo bɛtena Israel adwa soɔ;+ Yehowa dɔ Israel kɔsi daa,+ enti na wasi wo hene+ sɛ bu atɛn+ na di asɛntenenee.”+
10 Ɛnna ɔmaa+ ɔhene sika+ dwetikɛseɛ ɔha aduonu, ne balsam ngo+ pii pa, ne aboɔden aboɔ. Balsam ngo dodoɔ a Saba hemmaa de maa Ɔhene Solomon no, ɛso bi amma bio.
11 Bio nso na Hiram ahyɛn+ a ɛde sika firi Ofir+ ba no de algum nnua+ pii pa ne aboɔden aboɔ+ nso firi Ofir ba. 12 Na ɔhene de algum nnua yɛɛ dan nnyinasoɔ wɔ Yehowa fie+ ne ahemfie, na ɔde bi nso yɛɛ asankuo+ ne asankuten+ maa nnwontofoɔ no. Ɛde bɛsi nnɛ no, algum nnua a ɛte saa bi mmaa da, na wɔnhunuu ɛso bi bio.
13 Ɔhene Solomon nso de deɛ Saba hemmaa bisaeɛ nyinaa maa no; ɛsono deɛ Ɔhene Solomon no ara yii ne yam+ de maa no. Ɛno akyi no, ɔsan n’akyi kɔɔ n’asase so, ɔne ne nkoa.+
14 Sika+ a na Solomon nya no afe baako no mu duro yɛ sika dwetikɛseɛ ahansia aduosia nsia;+ 15 ɛsono ahonyadeɛ a na akwantufoɔ ne adwadifoɔ no de ba, ne deɛ Arabiafoɔ+ ahemfo+ nyinaa ne asase no so amradofoɔ de ba.
16 Na Ɔhene Solomon de sika mfrafraeɛ yɛɛ akyɛm+ akɛseɛ ahanu (ɔde sika nnwetɛbena ahansia guu akyɛm no biara ho),+ 17 na ɔde sika mfrafraeɛ yɛɛ nkataboɔ ahasa (ɔde sika mmɛnnaa mmiɛnsa guu nkataboɔ no biara ho).+ Na ɔhene de guu Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ.
18 Afei nso ɔhene yɛɛ asommɛn+ ahennwa+ kɛseɛ bi, na ɔde sika a wɔapa mu guu ho.+ 19 Atwedeɛ a ɛwɔ so nsia na wɔforo de kɔ ahennwa no anim, na wɔayɛ biribi kurukuruwa akata ahennwa no soro, na baabi a wɔtena no, nsa wɔ ha ne ha, na agyata+ mmienu gyinagyina nsa no ho.+ 20 Agyata dumienu gyinagyina atwedeɛ a ɛwɔ so nsia no so; baako wɔ ha, na baako nso wɔ ha. Wɔnyɛɛ bi saa da ahennie biara mu.+
21 Adeɛ a Ɔhene Solomon nom mu nyinaa, wɔde sika na ɛyɛeɛ, na Lebanon Kwaeɛfie+ hɔ anwenneɛ nyinaa, wɔde sika amapa+ na ɛyɛeɛ. Wɔamfa dwetɛ anyɛ emu biara, ɛfiri sɛ Solomon nna mu no, na wɔmfa nyɛ hwee. 22 Ná ɔhene wɔ Tarsis+ ahyɛn pii wɔ po so a ɛne Hiram ahyɛn kɔ kwan soɔ. Mfeɛ mmiɛnsa biara, na Tarsis ahyɛn no de sika+ ne dwetɛ ne asommɛn+ ne nkontromfi ne koohaa ba.
23 Enti Ɔhene Solomon yɛɛ kɛseɛ wɔ ahonyadeɛ+ ne nyansa+ mu senee asase so ahemfo a aka nyinaa. 24 Asase so nnipa nyinaa baa Solomon anim bɛtiee nyansa a Onyankopɔn de ahyɛ n’akomam+ no. 25 Obiara de n’akyɛdeɛ+ baa afe biara:+ dwetɛ+ ne sika nneɛma ne ntadeɛ, akodeɛ,+ balsam ngo, apɔnkɔ ne mfunumupɔnkɔ.+
26 Na Solomon boaboaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ pii ano, na ɔnyaa nteaseɛnam apem ne ahanan ne apɔnkɔ+ mpem dumienu, na ɔde ne nyinaa kɔɔ nteaseɛnam nkuro mu ne ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.+
27 Na ɔhene maa dwetɛ dɔɔso pii wɔ Yerusalem sɛ aboɔ,+ na ɔmaa ntweneduro dɔɔso pii sɛ sikamɔɔ nnua a ɛwɔ Sefela.+
28 Apɔnkɔ a Solomon kra firii Egypt baeɛ no nso, ɔhene adwadifoɔ no kɔtɔɔ apɔnkɔkuo biara sɛdeɛ wɔn boɔ teɛ.+ 29 Na wɔtɔɔ nteaseɛnam a wɔde firi Egypt baeɛ no biara nnwetɛbena ahansia, na wɔtɔɔ pɔnkɔ biara nso nnwetɛbena ɔha aduonum. Saa na Hitifoɔ+ ahemfo ne Siria ahemfo yɛeɛ. Wɔnam adwadifoɔ no so na ɛkraeɛ.