Luka
5 Berɛ bi a ɛbaa sɛ nnipakuo no akyere ne so retie Onyankopɔn asɛm no, na ɔgyina Genesaret tadeɛ no ho.+ 2 Na ɔhunuu akodoɔ mmienu sɛ ɛsisi tadeɛ no ano, nanso na apofofoɔ no asisi afiri mu rehohoro wɔn asau mu.+ 3 Ɔkɔforoo kodoɔ no baako a ɛyɛ Simon deɛ, na ɔsrɛɛ no sɛ ɔmpia mfiri asase so nkɔ akyire kakra. Afei ɔtenaa mu, na ɔfiri kodoɔ+ no mu firii aseɛ kyerɛkyerɛɛ nnipakuo no. 4 Berɛ a ɔgyaee kasa no, ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Pia kɔ deɛ ɛhɔ dɔ, na mongu mo asau+ no mfa nyi nam.” 5 Na Simon buaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛayɛ adwuma anadwo mũ nyinaa na yɛannya hwee,+ nanso w’ano asɛm nti mɛgu asau no.” 6 Na wɔyɛɛ saa no, wɔbumaa mpataa pii. Nokorɛm no, wɔn asau no firii aseɛ teteeɛ. 7 Enti wɔnyam wɔn mfɛfoɔ a wɔwɔ kodoɔ baako no mu sɛ wɔmmɛboa wɔn;+ na wɔba maa wɔhyɛɛ akodoɔ mmienu no mama, na ɛfirii aseɛ sɛ ɛremem. 8 Berɛ a Simon Petro+ hunuu yei no, ɔkotoo Yesu nan ase kaa sɛ: “Awurade, firi me nkyɛn kɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.”+ 9 Mpataa a wɔyiiɛ no maa ɔne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa ho dwirii wɔn, 10 na Sebedeo mma+ Yakobo ne Yohane, a wɔyɛ Simon yɔnko adwumayɛfoɔ no nso ho dwirii wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Simon sɛ: “Nsuro. Ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no wobɛyi nnipa.”+ 11 Enti wɔsan de akodoɔ no baa asase so, na wɔgyaa biribiara hɔ dii n’akyi.+
12 Berɛ foforɔ a ɔwɔ nkuro no baako mu no, hwɛ! ɔbarima bi a kwata adware no nie! Berɛ a n’ani bɔɔ Yesu soɔ no, ɔhwee n’anim srɛɛ no sɛ: “Awurade, sɛ wopɛ nko ara a, wobɛtumi ama me ho afi.”+ 13 Enti, ɔtenee ne nsa kaa no kaa sɛ: “Mepɛ. Wo ho mfi.” Na amonom hɔ ara kwata no tu yeraeɛ.+ 14 Ɛnna ɔhyɛɛ ɔbarima no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara:+ “Na mmom kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ,+ na bɔ w’ahofire ho afɔdeɛ+ sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.”+ 15 Nanso ne ho asɛm trɛɛ pii, na nnipakuo pii baa sɛ wɔrebɛtie no na wasa wɔn yareɛ.+ 16 Nanso, ɔtee ne ho kɔhyɛɛ serɛ so baabi bɔɔ mpaeɛ.+
17 Nna no mu baako a na ɔrekyerɛkyerɛ no, na Farisifoɔ ne mmarakyerɛfoɔ a wɔfiri nkuraa a ɛwowɔ Galilea ne Yudea ne Yerusalem nyinaa ase aba no tete hɔ, na na Yehowa tumi wɔ ne so a ɔde bɛsa yareɛ.+ 18 Na hwɛ! mmarima bi sõ obubuafoɔ bi a ɔda kɛtɛ soɔ, na na wɔrehwehwɛ kwan a wɔbɛfa so de no abɛto n’anim.+ 19 Enti, berɛ a wɔannya kwan amfa no amma ɛsiane nnipadɔm no nti no, wɔkɔɔ ɛdan no atifi kɔgyaa ɔne kɛtɛ no mu faa dan no soro bɛtoo wɔn a wɔwɔ Yesu anim no mfimfini.+ 20 Na ɔhunuu wɔn gyidie no ɔkaa sɛ: “Barima, wɔde wo bɔne afiri wo.”+ 21 Ɛhɔ ara na atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu ho sɛ: “Hwan nie a ɔka abususɛm yi?+ Hwan na ɔbɛtumi de bɔne afiri sɛ Onyankopɔn nko ara?”+ 22 Nanso, Yesu hunuu wɔn nsusuiɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na moresusu no mo akoma mu yi?+ 23 Deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛ, sɛ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne afiri wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nante’?+ 24 Nanso deɛ ɛbɛyɛ na moahunu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asase so sɛ ɔde bɔne firie nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafoɔ no sɛ: “Mese wo sɛ, sɔre fa wo kɛtɛ na kɔ wo fie.”+ 25 Na amonom hɔ ara ɔsɔre gyinaa wɔn anim, faa deɛ ɔda soɔ no firii hɔ kɔɔ ne fie, a na ɔrehyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ 26 Afei ɛyɛɛ wɔn mu biara nwanwa,+ na wɔfirii aseɛ hyɛɛ Onyankopɔn animuonyam, na ehu kaa wɔn maa wɔkaa sɛ: “Yɛahunu anwanwadeɛ nnɛ!”+
27 Yeinom akyi no, ɔfirii adi kɔhunuu sɛ togyeni bi a wɔfrɛ no Lewi te togyebea, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Bɛdi m’akyi.”+ 28 Na ɔgyaa biribiara+ hɔ sɔre dii n’akyi. 29 Afei nso, Lewi too pono kɛseɛ bi wɔ ne fie maa no; na togyefoɔ pii ne nnipa foforɔ bɛtenatenaa adidiiɛ hɔ.+ 30 Enti Farisifoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ no nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ: “Adɛn nti na mo ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”+ 31 Yesu bua see wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔ no nhia ɔyaresafoɔ,+ na wɔn a wɔyareɛ no deɛ, wɔhia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ ateneneefoɔ, na mmom merebɛfrɛ nnebɔneyɛfoɔ de wɔn akɔ adwensakra mu.”+
33 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yohane asuafoɔ no di mmuada mprɛ pii na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ nso yɛ saa ara, nanso w’asuafoɔ no didi na wɔnom.”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mobɛtumi ama ayeforɔkunu no nnamfonom adi mmuada berɛ a ayeforɔkunu no wɔ wɔn nkyɛn yi anaa?+ 35 Nanso nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu+ no afiri wɔn nkyɛn;+ saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.”+
36 Afei, ɔtoaa so maa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara ntwa atade foforɔ mfa ntɛ atade dada mu; na sɛ ɔyɛ saa a, atade foforɔ no te na foforɔ no bɛyɛ soronko wɔ dada no ho.+ 37 Bio nso, obiara mfa bobesa mono ngu nsã kotokuo dada mu; na sɛ ɔyɛ saa a, nsã mono no bɛpaepae nsã kotokuo no,+ na nsã no bɛtu agu na kotokuo no asɛe.+ 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa mono gu nsã kotokuo foforɔ mu. 39 Obiara a wanom nsã dada no mpɛ nsã mono; na ɔka sɛ, ‘dada+ no yɛ paa.’”