Dwom 32:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela. Dwom 103:3 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 3 Ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ,+Na ɔyi wo haw* nyinaa firi hɔ.+ Dwom 130:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Wo na fafirie wɔ wo nsam+Na ama nnipa asuro wo.+ Yesaia 1:18 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi. Yesaia 43:25 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 “Me—me ara na mepepa+ wo mmarato,+ me din nti.+ Na merenkae wo bɔne bio.+ Daniel 9:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Yehowa yɛn Nyankopɔn, wo na mmɔborɔhunu+ ne fafirie+ wɔ woɔ, na yɛn na yɛate wo so atua.+
5 Mekaa me bɔne kyerɛɛ wo, na mankata me mfomsoɔ so+ bio.Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ firii me.+ Sela.
18 Yehowa asɛm nie: “Afei mommra mma yɛntoto nneɛma yie.+ Sɛ mo bɔne te sɛ koogyan a, ɛbɛyɛ fitaa sɛ sukyerɛmma,+ na sɛ ayɛ kɔɔ te sɛ kɔbene mpo a, ɛbɛyɛ sɛ odwan nwi.