1 Samuel
14 Ɛbaa sɛ da bi Saul ba Yonatan+ ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ Filistifoɔ awɛmfoɔ dɔm a wɔwɔ nohoa no mu.” Nanso wammɔ ne papa amanneɛ.+ 2 Ná Saul wɔ Gibea+ kurotia, granate akutuo dua a ɛsi Migron no ase, na nnipa a wɔka ne ho bɛyɛ mmarima ahansia.+ 3 (Yehowa sɔfoɔ Eli+ a na ɔwɔ Silo+ ba Finehas+ ba Ikabod+ nua Ahitab+ ba Ahiya na na asɔfotadeɛ no wɔ ne nsam.)+ Ɔman no deɛ, na wɔnnim sɛ Yonatan kɔ hɔ. 4 Na baabi a na Yonatan pɛ sɛ ɔfa twa kɔ Filistifoɔ awɛmfoɔ dɔm+ soɔ no, na ɔbotan a ɛte sɛ ɛsẽ wɔ fã ha, na ɔbotan a ɛte sɛ ɛsẽ wɔ fã ha nso; baako din de Boses, na baako nso din de Sene. 5 Ná ɛsẽ a ɛyɛ edum wɔ atifi fam no ani kyerɛ Mikmas,+ na baako a ɛwɔ anafoɔ fam no nso ani kyerɛ Geba.+
6 Na Yonatan ka kyerɛɛ ne somfoɔ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: “Bra ma yɛntwa nkɔ momonotofoɔ+ yi awɛmfoɔ dɔm no mu. Ebia Yehowa bɛdi ama yɛn ɛfiri sɛ ɛnyɛ den mma Yehowa sɛ ɔnam pii anaa kakraa bi so bɛgye nkwa.”+ 7 Ɛnna n’akodeɛkurafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ deɛ ɛwɔ w’akomam biara. Dane wo ho kɔ baabiara a wopɛ sɛ wokorɔ. Meka wo ho deɛ w’akoma pɛ biara mu.”+ 8 Na Yonatan kaa sɛ: “Hwɛ, yɛretwa akɔ nkurɔfoɔ no mu, na ma yɛnyi yɛn ho adi nkyerɛ wɔn. 9 Sɛ ɛba sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Monnyina hɔ nkɔsi sɛ yɛbɛba abɛto mo!’ a, ɛnneɛ yɛbɛgyina baabi a yɛwɔ, na yɛremforo nkɔ wɔn nkyɛn. 10 Na sɛ wɔka sɛ, ‘Momforo mmra yɛn so!’ a, ɛnneɛ yɛbɛforo akɔ, ɛfiri sɛ Yehowa de wɔn bɛhyɛ yɛn nsa; yei na ɛbɛyɛ sɛnkyerɛnne ama yɛn.”+
11 Ɛnna wɔn mmienu no yii wɔn ho adi kyerɛɛ Filistifoɔ awɛmfoɔ dɔm no. Na Filistifoɔ no kaa sɛ: “Monhwɛ sɛ Hebrifoɔ no refiri adi firi ntokuro a wɔkɔhuntaa mu+ no mu.” 12 Ɛnna awɛmfoɔ dɔm no ka kyerɛɛ Yonatan ne n’akodeɛkurafoɔ no sɛ: “Momforo mmra yɛn so, na yɛbɛkyerɛ mo biribi!”+ Ɛhɔ ara na Yonatan ka kyerɛɛ n’akodeɛkurafoɔ no sɛ: “Foro di m’akyi, na Yehowa de wɔn bɛhyɛ Israel nsa.”+ 13 Na Yonatan de ne nsa ne ne nan foroeɛ,+ na n’akodeɛkurafoɔ no dii n’akyi, na wɔtotɔɔ Yonatan anim,+ na n’akodeɛkurafoɔ no kunkum dii n’akyi.+ 14 Nnipa a Yonatan ne n’akodeɛkurafoɔ dii kan kunkum wɔn asase a ne kɛseɛ te sɛ nantwie mpamho funtum kwan fã soɔ no, wɔbɛyɛ mmarima aduonu.
15 Ɛnna ahopopoɔ+ sii nsraban no mu, wuram hɔ ne awɛmfoɔ dɔm no nyinaa soɔ, na afomfoɔ+ dɔm no mpo ho popoeɛ, na asase wosoeɛ+ maa no danee ahopopoɔ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ.+ 16 Na Saul awɛmfoɔ a wɔwɔ Benyaminfoɔ kuro Gibea+ mu no hunuiɛ, na hwɛ! nnipa no rehwete fa ha sene ha.+
17 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: “Monkan nnipa no na yɛnhunu deɛ wafiri yɛn mu korɔ.” Berɛ a wɔkan nnipa no, wɔhunuu sɛ Yonatan ne n’akodeɛkurafoɔ no nni hɔ. 18 Afei Saul ka kyerɛɛ Ahiya+ sɛ: “Fa nokorɛ Nyankopɔn adaka no bɛn ha!”+ (Saa da no, na nokorɛ Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ mu.)+ 19 Berɛ a Saul gu so ne ɔsɔfoɔ+ no rekasa no nyinaa na Filistifoɔ nsraban mu kitikiti no rekɔ so, na emu yɛɛ den. Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ no sɛ: “Gyae.” 20 Na Saul ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa boaboaa wɔn ho ano.+ Berɛ a wɔkɔduruu akono hɔ no, na obiara atwe nkrantɛ ne yɔnko so;+ nkoguo no yɛɛ kɛse paa. 21 Na Hebrifoɔ a berɛ bi wɔkɔkaa Filistifoɔ+ ho a wɔne wɔn foro baa nsraban a atwa hɔ ahyia mu no, wɔn nso baa Israelfoɔ a wɔka Saul ne Yonatan ho no afã. 22 Israel mmarima a wɔkɔhuntaa+ Efraim mmepɔ soɔ no nyinaa tee sɛ Filistifoɔ no adwane, na wɔn nso tu sãã wɔn ne wɔn kɔkoeɛ. 23 Na Yehowa gyee+ Israel ɛda no, na ɛko no kɔpuee Bet-Awen.+
24 Saa da no, na Israel mmarima abrɛ, nanso Saul kaa ntam+ guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn ankɔsi sɛ mɛtɔ m’atamfo so werɛ na ɔbɛdidie ansa na nwunu adwoɔ no, nnome nka no!”+ Na ɔmanfoɔ no biara amfa aduane anka n’ano.+
25 Na ɔmanfoɔ no nyinaa kɔduruu kwaeɛ mu, na na ɛwoɔ+ wɔ asase no so. 26 Berɛ a ɔmanfoɔ no duruu kwaeɛ no mu no, hwɛ! na ɛwoɔ+ resosɔ, nanso obiara amfa ne nsa ankɔ n’ano ɛfiri sɛ ɔman no suroo ntam+ no. 27 Yonatan deɛ, berɛ a ne papa kaa ntam guu ɔman no soɔ no, wante,+ enti ɔtenee poma a ɛkura no no de ano kaa ɛwoɔkyɛm, na ɔde ne nsa kɔɔ n’ano, na n’ani so daa hɔ.+ 28 Ɛnna nkurɔfoɔ no baako kaa sɛ: “Wo papa aka ntam agu ɔman no so sɛ, ‘Nnome nka obiara a ɔbɛdidi nnɛ!’”+ (Na ɔman no brɛeɛ.)+ 29 Na Yonatan kaa sɛ: “Me papa de mmusuo+ aba ɔman yi so. Monhwɛ, ɛwoɔ kakra a mede kaa m’ano mpo ama m’ani so ada hɔ.+ 30 Sɛ ɔman yi dii+ asadeɛ a ɛfiri wɔn atamfo hɔ no bi nnɛ a, hwɛ deɛ anka ɛbɛba!+ Enti nso na Filistifoɔ kum yi nyɛɛ kɛse no.”+
31 Ɛda no, wɔbobɔɔ Filistifoɔ firii Mikmas+ kɔsii Ayalon,+ na ɔman no brɛɛ+ yie. 32 Na ɔman no tu guu asadeɛ no so+ faa nnwan ne anantwie ne anantwie mma kunkum wɔn fam, na ɔman no dii nam no wɔn mogya mu.+ 33 Ɛnna wɔbɛka kyerɛɛ Saul sɛ: “Hwɛ! Ɔman no reyɛ Yehowa bɔne; wɔredi nam no wɔn mogya mu.”+ Na ɔkaa sɛ: “Moanni nokorɛ. Deɛ ɛdi kan, mommuni ɛboɔ kɛseɛ mmrɛ me.” 34 Ɛno akyi no, Saul kaa sɛ: “Monkyini ɔmanfoɔ no so, na monka nkyerɛ wɔn sɛ, ‘Obiara mfa ne nantwie ne ne dwan mmra me nkyɛn ha, na ɔmmɛku no ha nni, na monnyɛ Yehowa bɔne nnni no ne mogya mu.’”+ Ɛnna ɔmanfoɔ no mu biara de ne nantwie a ɛkura no anadwo no baeɛ, na ɔbɛkum no hɔ. 35 Na Saul sii afɔrebukyia+ maa Yehowa. Ɛno na ɔde firii aseɛ sisii afɔrebukyia maa Yehowa.+
36 Akyire yi, Saul kaa sɛ: “Momma yɛnsiane nkɔtĩ Filistifoɔ no anadwo yi na yɛnkɔfom wɔn nneɛma nkɔsi sɛ adeɛ bɛkye,+ na mommma yɛnnnya wɔn mu onipa baako mpo.”+ Ɛnna wɔkaa sɛ: “Deɛ ɛyɛ w’ani soɔ biara, yɛ.” Ɛnna ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: “Momma yɛntwe mmɛn nokorɛ Nyankopɔn no wɔ ha.”+ 37 Enti Saul bisaa Onyankopɔn sɛ: “Mensiane ntĩ Filistifoɔ no anaa?+ Wode wɔn bɛhyɛ Israel nsa?”+ Nanso wamma no mmuaeɛ saa da no.+ 38 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Ɔman no mu atitire+ nyinaa, montwe mmɛn+ ha, na yɛnhwehwɛ deɛ ɛyɛeɛ a bɔne yi aba nnɛ. 39 Sɛ́ Yehowa, Israel Gyefoɔ no te aseɛ yi, sɛ ɛfiri me ba Yonatan mpo a, owuo na ɔbɛwuo.”+ Nanso ɔman no muni biara amma no mmuaeɛ. 40 Afei ɔka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: “Monnyina fã baako, na me ne me ba Yonatan nso bɛgyina fã baako.” Ɛnna ɔman no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Deɛ ɛyɛ w’ani soɔ no, yɛ.”+
41 Na Saul ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “O Israel Nyankopɔn, fa Tumim*+ so ma nokorɛ nna adi!” Enti ɛbɔɔ Yonatan ne Saul, na ɔman no firii mu firiiɛ.+ 42 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Mommɔ me ne me ba Yonatan so ntonto.”+ Na ɛbɔɔ Yonatan. 43 Afei Saul bisaa Yonatan sɛ: “Ka kyerɛ me, ɛdeɛn na woayɛ?”+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokwasɛm nie, mede me nsam poma ano woɔ kakra kaa m’ano.+ Menie! Momma menwu!”
44 Ɛnna Saul kaa sɛ: “Yonatan, sɛ mamma woanwu+ a, Onyankopɔn ntua me ka na ɔmfa bi nka ho.”+ 45 Nanso ɔman no ka kyerɛɛ Saul sɛ: “Yonatan a wayɛ ade kɛseɛ de agye+ Israel sei na ɔrebɛwuo? Ɛmpare yɛn!+ Sɛ́ Yehowa te aseɛ yi,+ ne tiri so nwi baako mpo+ rentɔ fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn na ɔde no ayɛ adwuma nnɛ.”+ Enti ɔman no gyee Yonatan nkwa,+ na wanwu.
46 Saul gyaee Filistifoɔ no akyiridie, na Filistifoɔ no nso kɔɔ wɔn baabi.+
47 Na Saul hyɛɛ n’ahennie mu den Israel so,+ na ɔne n’atamfo nyinaa ko hyiaeɛ—Moabfoɔ+ ne Ammonfoɔ+ ne Edomfoɔ+ ne Soba+ ahemfo ne Filistifoɔ.+ Baabiara a ɔkɔeɛ nso, ɔtwee wɔn aso.+ 48 Ɔyɛɛ n’adeɛ akokoɔduro so,+ na ɔkunkum Amalekfoɔ,+ na ɔgyee Israel firii afomfoɔ nsam.
49 Saul mma mmarima a ɔwoo wɔn ne Yonatan+ ne Yiswi ne Malki-Sua,+ na ne mma mmaa mmienu no nso, na wɔfrɛ panin no Merab+ na wɔfrɛ kumaa no Mikal.+ 50 Saul yere nso, wɔfrɛ no Ahinoam, Ahimahas ba, na ne sahene nso wɔfrɛ no Abner+ a ɔyɛ Saul papa nua Ner ba. 51 Saul papa ne Kis,+ na Abiel ba ne Abner papa Ner.+
52 Saul nna nyinaa, ɛko no mu yɛɛ den Filistifoɔ so.+ Sɛ Saul hunu ɔbarima a ne ho yɛ den anaa ɔbarima kokoɔdurofoɔ biara a, ɔde no bata ne ho.+