Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Sukooko so.+ Dawid dwom.
69 O Onyankopɔn, gye me, na nsuo reyɛ afa me kra.+
2 Matɔ atɛkyɛ mu, baabi a gyinabea nnie.+
Masi nsuo a emu dɔ mu,
Nsuo a ɛresene de me rekɔ.+
3 Mateam ara, mabrɛ;+
Me nne asi.
Mahwɛ me Nyankopɔn kwan ara, m’ani abu.+
4 Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso sene me tiri so nwi mpo.+
Wɔn a wɔkyiri me kwa a wɔpɛ sɛ m’ano ka tom no adɔɔso.+
Deɛ menwiaeɛ no, wɔama mahyɛ ananmu.
5 O Onyankopɔn, wo na wonim me nkwaseasɛm,
Na m’afɔdie nso nhunta wo.+
6 Mma wɔn a wɔn ani da wo soɔ no ani nnwu me nti,+
O Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa.+
Mma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ no anim nngu ase me nti,+
O Israel Nyankopɔn.+
7 Wo nti masoa ahohora,+
Na animguaseɛ adura m’anim.+
8 Madane ɔnanani ama me nuanom,+
Ne ɔhɔhoɔ ama me maame mma.+
9 Wo fie ho nnamyɛ nko na amene me,+
Na wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohorabɔ aba me so.+
10 Me kra suu mmuada mu,+
Nanso ɛdanee ahohorabɔ maa me.+
11 Berɛ a mede atweaatam yɛɛ m’atadeɛ no,
Medanee akasabebuo.+
12 Sɛ nkurɔfoɔ tena kuro pono ano a, me ho asɛm ara na wɔka,+
Asanomfoɔ de me to dwom.+
13 Nanso me deɛ, wo Yehowa, na mebɔ wo mpaeɛ+
W’adom berɛ mu, O Onyankopɔn.+
W’adɔeɛ bebrebe mu na bua me, na fa kyerɛ sɛ wo na nokorɛ nkwagyeɛ firi woɔ.+
14 Yi me firi atɛkyɛ mu na mammem.+
Gye me firi wɔn a wɔtan me kwa no nsam+ ne nsuo a emu dɔ no mu.+
15 Mma nsuo a ɛresene no mmfa me nnkɔ,+
Mma nsuo a emu dɔ mmmene me,
Mma abura no nnkata me so.+
16 O Yehowa, gye me so, na w’adɔeɛ yɛ.+
Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti dane w’ani kyerɛ me,+
17 Na mfa w’anim nhunta w’akoa.+
Mewɔ ahokyerɛ mu, enti yɛ ntɛm gye me so.+
18 Twe bɛn me bɛgye me kra;+
M’atamfo nti, gye me.+
19 Wo na wonim m’ahohora ne m’aniwuo ne m’animguaseɛ.+
Wɔn a wɔtan me nyinaa wɔ w’anim.+
20 Ahohora na abubu m’akoma, na ɛnni sabea.+
Ná m’ani da so sɛ obi bɛnya ayamhyehyeɛ ama me, nanso na obiara nni hɔ;+
Mehwehwɛɛ awerɛkyekyefoɔ, nanso mannya bi.+
21 Wɔmaa me awɔnwono sɛ aduane,+
Na wɔmaa me nsã nyinyanyinya sɛ memfa nkum me sukɔm.+
22 Ma wɔn didipono a ɛsi wɔn anim nyɛ fidie,+
Na deɛ ɛma wɔdi yie no nso nyɛ fidie.+
23 Ma wɔn ani so nyɛ tumm, na wɔanhunu adeɛ,+
Na ma wɔn asene mu nhodwo daa.+
24 Hwie w’abufuo gu wɔn so,+
Na ma w’abufuhyeɛ nkɔto wɔn.+
25 Ma wɔn tenabea a wɔabɔ ho ban no nnane amamfõ;+
Mma obiara nntena wɔn ntomadan mu.+
26 Deɛ woabɔ no no, ɔno na wɔtaa ne soɔ,+
Na wɔn a woapira wɔn no yea a wɔdie na wɔka ho asɛm.
27 Ma amumuyɔ mmɔ wɔn amumuyɔ so,+
Na mma wɔmmma wo tenenee mu.+
28 Ma wɔmpepa wɔn din mfiri ateasefoɔ nwoma mu,+
Na mma wɔnntwerɛ wɔn din nnka ateneneefoɔ deɛ ho.+
29 Seesei merehunu amane na meredi yea.+
O Onyankopɔn, ma wo nkwagyeɛ mmɔ me ho ban.+
30 Mede nnwontoɔ bɛyi Onyankopɔn din ayɛ,+
Na mede aseda bɛkamfo no.+
31 Yei bɛsɔ Yehowa ani asene nantwie,+
Nantwinini a ɔwɔ mmɛn a ne nan mu apaeɛ.+
32 Ahobrɛasefoɔ bɛhunu; wɔbɛdi ahurisie.+
Mo a mohwehwɛ Onyankopɔn, momma mo akoma nnya nkwa.+
33 Yehowa tie ahiafoɔ,+
Na ɔremmu ɔno ara ne nneduafoɔ animtia da.+
34 Momma ɔsoro ne asase nyi no ayɛ,+
Ɛpo ne deɛ ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa.+
35 Onyankopɔn na ɔbɛgye Sion+
Na wakyekyere Yuda nkuro;+
Ɛhɔ na wɔbɛtena na ayɛ wɔn dea.+
36 Ne nkoa asefoɔ na wɔbɛnya adie,+
Na wɔn a wɔdɔ ne din na wɔbɛtena hɔ.+