Hiob 19:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Wayi me ara me nuanom afiri me ho kɔ akyirikyiri,+Na wɔn a wɔni me no, wɔatwe wɔn ho afiri me ho. Dwom 31:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Mayɛ ahohoradeɛ+ wɔn a wɔtan me+ ani so,Madane ahohoradeɛ kɛseɛ ama m’afipamfoɔ;+M’amannifoɔ suro me.+Sɛ mefiri adi na wɔhu me a, wɔdwane.+ Mateo 26:56 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 56 Nanso yeinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ no aba mu.”+ Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa ne hɔ dwaneeɛ.+ Yohane 1:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔbaa ɔno ara ne kurom, nanso ɔno ara ne nkurɔfoɔ annye no.+ Yohane 7:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Asɛm no ara ne sɛ, na ne nuanom+ nnye no nni.+
11 Mayɛ ahohoradeɛ+ wɔn a wɔtan me+ ani so,Madane ahohoradeɛ kɛseɛ ama m’afipamfoɔ;+M’amannifoɔ suro me.+Sɛ mefiri adi na wɔhu me a, wɔdwane.+
56 Nanso yeinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ no aba mu.”+ Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa ne hɔ dwaneeɛ.+