Mateo
26 Afei berɛ a Yesu kaa nsɛm yi nyinaa wieeɛ no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: 2 “Monim sɛ aka nnanu ama twam aduru,+ na wɔbɛyi onipa Ba no ama na wɔabɔ no asɛndua mu.”+
3 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ boaboaa wɔn ho ano ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa+ no adihɔ, 4 na wɔbɔɔ pɔ+ sɛ wɔnam aniteɛ kwan so bɛkye Yesu na wɔaku no. 5 Nanso deɛ na wɔreka ara ne sɛ: “Ɛnsɛ sɛ ɛyɛ afahyɛ no ase, na ɔmanfoɔ no anyɛ basabasa.”+
6 Ɛbaa sɛ Yesu wɔ Simon kwatani no fie+ wɔ Betania+ no, 7 ɔbaa bi a ɔkura alabasta toa bi a ngo+ hwamhwam a ne boɔ yɛ den wom baa ne nkyɛn, na berɛ a ɔte didipono ho no, ɔfirii aseɛ hwie guu ne tiri mu. 8 Asuafoɔ no hunuu yei no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ: “Adesɛeɛ yi nso ɛ?+ 9 Anka wɔbɛtumi atɔn anya biribi a ɛsõ na wɔde ama ahiafoɔ.”+ 10 Yesu hunuu yei no+ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Adɛn nti na mopɛ sɛ moha ɔbaa no? Adepa na wayɛ ama me.+ 11 Ahiafoɔ+ deɛ, daa wɔwɔ mo nkyɛn, na me deɛ, ɛnyɛ daa na mobɛnya me.+ 12 Berɛ a ɔbaa yi de ngo hwamhwam yi guu me ho no, na ɔreyɛ ama me sie.+ 13 Nokorɛm mese mo sɛ, baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi wɔ wiase nyinaa no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi ayɛ yi nso de akae no.”+
14 Ɛnna dumienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot+ no kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn 15 kɔkaa sɛ: “Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ama mo?”+ Na wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma no nnwetɛbena aduasa.+ 16 Enti ɛfiri hɔ no ɔhwehwɛɛ hokwan a ɔde bɛyi no ama.+
17 Da a ɛdi kan a wɔdi paanoo a mmɔreka nnim+ no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn bɛkaa sɛ: “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛsiesie ma woɔ na wodi twam no?”+ 18 Ɔkaa sɛ: “Monkɔ Asomasi+ nkyɛn wɔ kuro no mu nkɔka nkyerɛ no sɛ, Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no se, ‘Me berɛ abɛn; me ne m’asuafoɔ bɛdi twam afahyɛ no wɔ wo fie.’”+ 19 Na asuafoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔtotoo nneɛma maa twam no.+
20 Berɛ a afei ɛduruu anwummerɛ no,+ ɔne asuafoɔ dumienu no tenaa didipono ho.+ 21 Berɛ a wɔredidie no, ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, mo mu baako bɛyi me ama.”+ 22 Ɛyɛɛ wɔn awerɛho paa, na wɔfirii aseɛ bisaa no mmaako mmaako sɛ: “Awurade, ɛyɛ me anaa?”+ 23 Ɔbuaa sɛ: “Deɛ ɔne me to nsa didi ayowa mu no na ɔbɛyi me ama.+ 24 Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ+ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama+ no nnue!+ Sɛ wɔanwo saa nipa no mpo a, anka ɛyɛ.” 25 Yuda a ɔno na na ɔrebɛyi no ama no buaa sɛ: “Rabi, ɛyɛ me anaa?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka.”
26 Berɛ a wɔgu so redidie no Yesu faa paanoo,+ na ɔhyiraa so wieeɛ no ɔbubuu mu+ de maa asuafoɔ no kaa sɛ: “Monnye nni. Yei gyina hɔ ma me nipadua.”+ 27 Afei ɔfaa kuruwa,+ na ɔdaa ase no ɔde maa wɔn kaa sɛ: “Mo nyinaa monnom ano;+ 28 na yei gyina hɔ ma+ me ‘mogya+ a wɔde yɛ apam no’+ a wɔbɛhwie agu ama nnipa bebree+ bɔne fafirie.+ 29 Nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ rekorɔ, merennom bobesa yi bi da kɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ wɔ m’Agya ahennie mu.”+ 30 Afei wɔtoo ayeyi dwom wieeɛ no,+ wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.+
31 Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa suntidua anadwo yi, na wɔatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no na nnwankuo no mu nnwan abɔ ahwete.’+ 32 Nanso sɛ wɔnyane me firi awufoɔ mu a, mɛdi mo anim kan akɔ Galilea.”+ 33 Na Petro bua see no sɛ: “Sɛ deɛ ɛbɛba wo soɔ no bɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrento me suntidua da!”+ 34 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nokorɛm mese wo sɛ, anadwo yi, ansa na akokɔ bɛbɔn no na woapa me mprɛnsa.”+ 35 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da.” Asuafoɔ a aka no nyinaa nso kaa saa ara.+
36 Afei Yesu ne wɔn kɔɔ baabi+ a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: “Montena ha na merekɔ nohoa akɔbɔ mpaeɛ.”+ 37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma+ mmienu no kaa ne ho, na ne werɛ firii aseɛ hoeɛ, na ne ho yeraa no.+ 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra mã kɔsi owuo mu.+ Montena ha na mo ne me nwɛn.”+ 39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra no, ɔde n’anim butuu hɔ bɔɔ mpaeɛ+ kaa sɛ: “M’Agya, sɛ ɛbɛyɛ yie a, anka ma kuruwa+ yi ntwa me ho nkɔ. Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ,+ na mmom sɛdeɛ wopɛ.”+
40 Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛhunuu sɛ wɔadeda, na ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako mpo?+ 41 Monkɔ so nwɛn+ na mommɔ mpaeɛ+ na moankɔ sɔhwɛ mu.+ Honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.”+ 42 Afei ɔkɔɔ ne mprenu soɔ+ kɔbɔɔ mpaeɛ kaa sɛ: “M’Agya, sɛ ɛrentumi ntwa me ho nkɔ na nom ara na ɛsɛ sɛ menom a, ma wo pɛ nyɛ hɔ.”+ 43 Na ɔsan ba bɛhunuu sɛ wɔadeda ɛfiri sɛ na wɔn ani twan so.+ 44 Enti ɔgyaa wɔn hɔ san kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so+ kaa asɛm korɔ no ara bio. 45 Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ɛte sei mu na moada regye mo ahome! Hwɛ! Dɔn no abɛn sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa.+ 46 Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no abɛn.”+ 47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ! Yuda+ a ɔyɛ dumienu no mu baako, ne dɔm kɛseɛ bi a wɔkurakura nkrantɛ+ ne nkontimmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ no ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn baeɛ.+
48 Afei na deɛ ɔbɛyi no ama no ama wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no.”+ 49 Na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Rabi!”+ na ɔfee n’ano.+ 50 Na Yesu+ bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?” Ɛnna wɔbɛsɔɔ Yesu mu kyee no kɔeɛ.+ 51 Na hwɛ! wɔn a wɔka Yesu ho no baako tenee ne nsa twee ne nkrantɛ de twaa ɔsɔfo panin no akoa aso firii hɔ.+ 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “San fa wo nkrantɛ no hyɛ deɛ ɛhyɛ,+ na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa bɛwu nkrantɛ ano.+ 53 Anaasɛ wodwene sɛ mentumi nsrɛ m’Agya mma no mma me abɔfoɔ bɛboro asafotoɔ dumienu seesei ara?+ 54 Anka ɛbɛyɛ dɛn na Twerɛnsɛm no aba mu sɛ ɛtwa sɛ saa na ɛba?” 55 Ɛdɔn no mu na Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ: “Mode nkrantɛ ne nkontimmaa aba rebɛkye me sɛ ɔdwotwafoɔ?+ Daa na metaa tena asɔrefie+ hɔ kyerɛkyerɛ, na moankye me. 56 Nanso yeinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ no aba mu.”+ Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa ne hɔ dwaneeɛ.+
57 Wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa+ nkyɛn, baabi a na atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyiam no.+ 58 Nanso Petro kɔɔ so dii n’akyi wɔ akyiri kɔsii ɔsɔfo panin no adihɔ,+ na berɛ a ɔwuraa hɔ no, ɔkɔtenaa fie hɔ asomfoɔ no nkyɛn hwɛɛ deɛ ɛbɛsie.+
59 Saa berɛ no ara nso na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Sanhedrin no nyinaa nso rehwehwɛ adansekunumu bi de atia Yesu na wɔagyina so aku no,+ 60 nanso wɔannya bi, ɛwom sɛ adansekunumufoɔ bebree baeɛ.+ Akyire yi mmienu ba 61 bɛkaa sɛ: “Ɔbarima yi kaa sɛ, ‘Mɛtumi adwiri Onyankopɔn asɔrefie agu na masi no nnansa ntam.+’” 62 Ɛnna ɔsɔfo panin no sɔre gyina ka kyerɛɛ no sɛ: “Wonni anoyie biara? Adanseɛ bɛn na yeinom redi tia woɔ yi?”+ 63 Nanso Yesu yɛɛ dinn.+ Enti ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mese wo sɛ ka nokorɛ wɔ Onyankopɔn teasefoɔ no anim;+ sɛ wone Kristo,+ Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!” 64 Yesu ka+ kyerɛɛ no sɛ: “Wo ara woaka.+ Nanso mese mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ+ no mobɛhunu onipa Ba+ no sɛ ɔte tumi nsa+ nifa soɔ na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”+ 65 Ɛnna ɔsɔfo panin no suanee n’atadeɛ ngugusoɔ mu kaa sɛ: “Waka abususɛm!+ Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia?+ Hwɛ! Afei moate abususɛm no.+ 66 Mosusu ho sɛn?” Wɔn nso buaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔwuo.”+ 67 Afei wɔtetee ntasuo guu n’anim+ bobɔɔ+ no akuturuku. Ebinom nso bobɔɔ n’ani so,+ 68 na wɔkaa sɛ: “Kristo, hyɛ nkɔm kyerɛ yɛn.+ Hwan na ɔbɔɔ woɔ?”+
69 Saa berɛ no na Petro te adihɔ hɔ; na afenaa bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: “Wo nso na woka Galileani Yesu no ho!”+ 70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: “Mennim deɛ woreka no ho hwee.” 71 Berɛ a ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo no mu no, abaayewa foforɔ hunuu no ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: “Na saa ɔbarima yi ka Nasareni Yesu ho.”+ 72 Na ɔkaa ntam de sanee bio sɛ: “Mennim onipa no!”+ 73 Ɛyɛɛ kakra no wɔn a wɔgyinagyina hɔ no bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: “Ampa woka wɔn ho, na nokorɛm nie, kasa a woka yi koraa da wo adi.”+ 74 Ɛnna ɔfirii aseɛ dii nse kaa ntam sɛ: “Mennim onipa no!” Na ɛhɔ ara na akokɔ bɔneeɛ.+ 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu kaeɛ no sɛ: “Ansa na akokɔ bɛbɔn no na woapa me mprɛnsa.”+ Na ɔfirii adi kɔsuu pii.+