Yohane
17 Yesu kaa yeinom, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro+ kaa sɛ: “Agya, dɔn no aduru; hyɛ wo ba no animuonyam, na wo ba no nso ahyɛ wo animuonyam,+ 2 sɛdeɛ woama no honam nyinaa so tumi,+ sɛ dodoɔ a wode ama no nyinaa no,+ ɔmma wɔn daa nkwa.+ 3 Yei ne daa nkwa,+ sɛ wɔbɛhu+ wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no,+ yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.+ 4 Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no+ de ahyɛ wo animuonyam+ wɔ asase so. 5 Enti afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no hyɛ me animuonyam wo ara wo nkyɛn.+
6 “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no.+ Ná wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me, na wɔadi w’asɛm so. 7 Afei wɔabɛhunu sɛ nneɛma a wode maa me nyinaa firi wo nkyɛn; 8 ɛfiri sɛ nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn,+ na wɔagye, na wɔabɛhunu ampa sɛ mebaa sɛ wo nanmusini,+ na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 9 Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase,+ na mmom wɔn a wode wɔn ama me no; ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea, 10 na biribiara a ɛwɔ me no, ɛwɔ wo, na deɛ ɛwɔ woɔ no, ɛwɔ me,+ na manya animuonyam wɔn mu.
11 “Afei nso, menni wiase bio, na wɔn deɛ, wɔwɔ wiase+ na mereba wo nkyɛn. Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so+ na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no.+ 12 Berɛ a mewɔ wɔn nkyɛn no, na mehwɛ wɔn so+ ɛsiane wo ara wo din a wode ama me nti; makora wɔn so, na wɔn mu baako mpo nsɛeeɛ+ gye ɔsɛeɛ ba no,+ na ama twerɛsɛm no aba mu.+ 13 Nanso afei mereba wo nkyɛn, na mereka yeinom wɔ wiase na wɔanya m’anigyeɛ no bi ama no ayɛ mã wɔ wɔn mu.+ 14 Mede w’asɛm ama wɔn, nanso wiase atan wɔn,+ ɛfiri sɛ wɔnyɛ wiase no fã sɛdeɛ menyɛ wiase no fã no.+
15 “Mensrɛ sɛ yi wɔn firi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so ɛsiane ɔbɔnefoɔ no nti.+ 16 Wɔnyɛ wiase no fã+ sɛdeɛ menyɛ wiase no fã no.+ 17 Fa nokorɛ no yɛ wɔn kronkron;+ w’asɛm+ yɛ nokorɛ.+ 18 Sɛdeɛ wosomaa me wiase no, me nso mesomaa wɔn wiase.+ 19 Mereyɛ me ho kronkron ama wɔn na nokorɛ no ama wɔn nso ayɛ kronkron.+
20 “Ɛnyɛ yeinom nko ara nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so gye me die no nso;+ 21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako,+ sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no,+ na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako+ na ama wiase agye adi sɛ wo na wosomaa me.+ 22 Afei mede animuonyam a wode ama me no ama wɔn na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛyɛ baako no.+ 23 Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu sɛdeɛ wɔn baakoyɛ bɛdi mũ,+ na wiase ahunu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛdeɛ wodɔ me no. 24 Agya, deɛ wode ama me no deɛ, mepɛ sɛ anka baabi a mewɔ no, wɔn nso bɛka me ho,+ na wɔahunu animuonyam a wode ama me no, ɛfiri sɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.+ 25 Tenenee+ Agya, wiase no nnim wo;+ nanso me deɛ menim wo, na yeinom abɛhunu sɛ wo na wosomaa me.+ 26 Mama wɔahunu+ wo din na mɛma wɔahunu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atena wɔn mu na matena wɔn mu.”+