Mateo
10 Enti ɔfrɛɛ n’asuafoɔ dumienu no maa wɔn tumi a wɔde bɛtu ahonhom fĩ+ ne deɛ wɔde bɛsa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa bi.
2 Asomafoɔ dumienu+ no din nie:+ Deɛ ɔdi kan ne Simon, deɛ wɔfrɛ no Petro+ no, ne ne nua Andrea;+ afei Sebedeo+ ba Yakobo ne ne nua Yohane; 3 Filipo ne Bartolomeo;*+ Toma+ ne togyeni Mateo;*+ Alfeo+ ba Yakobo, ne Tadeo;* 4 Nsiyɛfoɔ+ Simon, ne Yuda Iskariot a akyire yi ɔyii+ no maeɛ no.
5 Saa dumienu yi na Yesu somaa wɔn maa wɔn ahyɛdeɛ yi:+ “Mommmane mmfa amanaman no kwan so, na monnhyɛn Samaria kuro biara mu;+ 6 Israel fie nnwan a wɔayera no mmom nkyɛn na monkɔ daa.+ 7 Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahennie no abɛn.’+ 8 Monsa ayarefoɔ yareɛ,+ monnyane wɔn a wɔawuwuo, momma akwatafoɔ ho mfi, montu adaemone. Monyaa no kwa, momfa mma kwa.+ 9 Mommpɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nnhyɛ mo abɔsoɔ mu,+ 10 na mommfa akwantuo bɔtɔ nntu kwan no, anaa ntadeɛ mmienu, anaa mpaboa anaa poma; odwumayɛni aduane fata no.+
11 “Kuro anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, monhwehwɛ obi a ɔfata wɔ mu, na montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ akɔ.+ 12 Sɛ morehyɛn fie bi mu a monkyea fie no mufoɔ; 13 sɛ fie no fata a, momma asomdwoeɛ a mopɛ sɛ ɛnya no mmra so;+ nanso sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoeɛ nsan mmra mo so. 14 Baabiara a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefiri saa fie anaa kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.+ 15 Nokorɛm mese mo sɛ, Atemmu Da no ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom+ ne Gomora asase asene saa kuro no.+
16 “Hwɛ! meresoma mo sɛ nnwan akɔ mpataku mfimfini;+ enti monyɛ aniteɛ sɛ awɔ,+ na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.+ 17 Monhwɛ mo ho yie wɔ nnipa ho;+ wɔbɛyi mo ama badwafoɔ,+ na wɔbɛka mo mpire+ wɔn hyia adan mu.+ 18 Na me nti, wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahemfo anim,+ na ayɛ adanseɛ+ ama wɔne amanaman no. 19 Nanso, sɛ wɔyi mo ma a, monnnwennwene sɛdeɛ mobɛkasa anaasɛ deɛ mobɛka ho; wɔde deɛ mobɛka bɛma mo dɔn no mu;+ 20 ɛnyɛ mo ara na mokasa, mmom mo Agya no honhom na ɛnam mo so kasa.+ 21 Afei nso, onua+ bɛyi onua ama na wɔaku no, na papa ayi ne ba ama, na mma bɛsɔre atia wɔn awofoɔ na wɔama wɔaku wɔn.+ 22 Na me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo;+ na deɛ ɔbɛgyina mu akɔsi awieeɛ no, ɔno na wɔbɛgye no nkwa.+ 23 Sɛ wɔtaa mo kuro baako mu a, monnwane nkɔ foforɔ mu;+ nokorɛm mese mo sɛ, morenwie Israel nkuro no nyinaa da+ na onipa Ba no aba.+
24 “Osuani nsene ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa nsene ne wura.+ 25 Ɛdɔɔso ma osuani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfoɔ, na akoa ayɛ sɛ ne wura.+ Sɛ nnipa afrɛ efiewura Beelsebub+ a, mprɛ ahe na wɔremfrɛ ne fiefoɔ no saa ara? 26 Enti monnsuro wɔn; biribiara nni hɔ a wɔakata soɔ a ɛrenna adie, na ahuntasɛm biara nni hɔ a wɔrenhunu.+ 27 Deɛ meka kyerɛ mo sum mu no, monka no hann mu; deɛ wɔka gu mo asom no, monka no adan atifi.+ 28 Na monnsuro+ wɔn a wɔkum nipadua nanso wɔntumi nkum ɔkra no; mmom monsuro deɛ+ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.+ 29 Wɔntɔn nkasanoma mmienu nnye kaprɛ?*+ Nanso emu baako mpo ntɔ fam a mo Agya nnim ho hwee.+ 30 Na mo tiri nwi koraa wakan.+ 31 Enti monnsuro: Mosom bo sene nkasanoma bebree.+
32 “Na obiara a ɔbɔ me din nnipa anim no, me nso mɛbɔ ne din+ m’Agya a ɔwɔ soro no anim, 33 na obiara a ɔpa me nnipa anim no, me nso mɛpa+ no m’Agya a ɔwɔ soro no anim. 34 Monnnwene sɛ mede asomdwoeɛ baa asase so; mamfa asomdwoeɛ+ amma, na mmom nkrantɛ. 35 Na mede mpaepaemu na ɛbaeɛ na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabaa asɔre atia ne maame, na ɔbaa warefoɔ asɔre atia n’asebaa.+ 36 Nokorɛm no, obi ankasa fiefoɔ na wɔbɛyɛ n’atamfo. 37 Deɛ ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sene me no mfata me, na deɛ ɔpɛ ne babarima anaa ne babaa asɛm sene me no nsɛ me.+ 38 Na obiara a ɔnnye n’asɛndua nni m’akyi no nsɛ me.+ 39 Deɛ ɔkora ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ɔhwere ne kra no nsa bɛka.+
40 “Deɛ ɔgye mo no gye me nso, na deɛ ɔgye me no gye deɛ ɔsomaa me no nso.+ 41 Deɛ ɔgye odiyifoɔ bi sɛ ɔyɛ odiyifoɔ nti no bɛnya odiyifoɔ akatua,+ na deɛ ɔgye ɔteneneeni sɛ ɔyɛ ɔteneneeni nti no bɛnya ɔteneneeni akatua.+ 42 Na obiara a ɔma nketewa yi mu baako nsuonwunu kuruwa mã nom ɛsiane sɛ ɔyɛ osuani nti no, mese mo nokorɛm sɛ, n’akatua remmɔ no kwan biara so.”+