Yohane
14 “Mommma mo akoma nntu.+ Monnya Onyankopɔn mu gyidie,+ monnya me nso me mu gyidie.+ 2 Tenabea pii wɔ m’Agya fie.+ Sɛ ɛnte saa a, anka maka akyerɛ mo, ɛfiri sɛ merekɔ akɔsiesie baabi+ ama mo. 3 Afei sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛba bio+ na magye mo aba me nkyɛn,+ na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ.+ 4 Na baabi a merekorɔ no, monim kwan no.”
5 Toma+ ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, yɛnnim baabi a worekɔ.+ Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu kwan no?”
6 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene ɛkwan+ no ne nokorɛ+ no ne nkwa.+ Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.+ 7 Sɛ moni me a, ɛnneɛ na monim m’Agya nso; ɛfiri seesei rekorɔ no moni no na moahu no.”+
8 Filipo ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.”
9 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Berɛ tenten a me ne mo atena yi nyinaa wonnya nhunuu me, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya+ no nso. Adɛn nti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya no’?+ 10 Wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu?+ Nsɛm a meka kyerɛ mo no, memmɔ me tirim na meka; na mmom Agya a ɔwɔ me mu no na ɔreyɛ ne nnwuma.+ 11 Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu; sɛ ɛnte saa nso a, monhwɛ nnwuma no ho nnye nni.+ 12 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, deɛ ɔnya me mu gyidie no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛseɛ asene+ yeinom, ɛfiri sɛ merekɔ Agya no nkyɛn.+ 13 Afei nso biribiara a mobɛbisa me din mu no, mɛyɛ, na ama wɔahyɛ Agya no animuonyam Ɔba no mu.+ 14 Sɛ mobisa biribiara me din mu a, mɛyɛ.
15 “Sɛ modɔ me a, mobɛdi m’ahyɛdeɛ so;+ 16 na mɛsrɛ Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne mo bɛtena daa,+ 17 nokorɛ honhom+ a wiase ntumi nnyeɛ,+ ɛfiri sɛ wiase no nhu no, na ɛnnim no nso. Mo deɛ, moni no, ɛfiri sɛ ɛwɔ mo nkyɛn, na ɛte mo mu.+ 18 Merennya mo nnyanka.+ Mereba mo nkyɛn. 19 Aka berɛ tiaa bi na wiase nhu me bio,+ na mo deɛ, mobɛhu me,+ ɛfiri sɛ mete ase na mo nso mobɛtena ase.+ 20 Saa da no mobɛhunu sɛ mewɔ m’Agya mu na mowɔ me mu na me nso mewɔ mo mu.+ 21 Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno na ɔdɔ me.+ Na deɛ ɔdɔ me no m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mayi me ho akyerɛ no pefee.”
22 Yuda+ (ɛnyɛ Iskariot) ka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade, ɛdeɛn na asi a enti wopɛ sɛ woyi wo ho adi kyerɛ yɛn pefee, na ɛnyɛ wiase no?”+
23 Yesu bua see no sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so,+ na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn de hɔ abɛyɛ yɛn tenabea.+ 24 Deɛ ɔnnɔ me no, me nsɛm nso ɔnni so; na asɛm a moteɛ no nyɛ me dea, na mmom ɛyɛ Agya a ɔsomaa me no dea.+
25 “Maka yeinom akyerɛ mo berɛ a mewɔ mo nkyɛn yi. 26 Nanso ɔboafoɔ no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara akaekae mo deɛ maka akyerɛ mo nyinaa.+ 27 Mede asomdwoeɛ gya mo, mede m’asomdwoeɛ+ ma mo. Ɛnyɛ sɛdeɛ wiase de ma no na mede ma. Mommma mo akoma nntu na mommma no mmmɔ hu. 28 Motee sɛ meka kyerɛɛ mo sɛ, merekɔ na mɛsan aba mo nkyɛn. Sɛ modɔ me a, mo ani bɛgye sɛ merekɔ Agya no nkyɛn, ɛfiri sɛ Agya no yɛ kɛse sene+ me. 29 Enti afei madi kan aka akyerɛ mo ansa na aba,+ na sɛ ɛba a, moagye adi. 30 Me ne mo renkasa pii bio, ɛfiri sɛ wiase sodifoɔ+ no reba. Na ɔnni tumi wɔ me so,+ 31 nanso deɛ ɛbɛyɛ na wiase ahunu sɛ medɔ Agya no nti, sɛdeɛ Agya no ahyɛ+ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ. Monsɔre, momma yɛmfiri ha nkɔ.