Genesis 31:19 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 19 Saa berɛ no, na Laban rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi, na Rahel wiaa ne papa terafim ahoni*+ kɔeɛ. Deuteronomium 5:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Nsom onyame foforɔ biara nka me ho.*+ Yosua 23:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din mpo,+ mommfa wɔn din nnka ntam, monnsom wɔn, na monnkoto wɔn da.+ 1 Korintofoɔ 10:14 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 14 Ɛno nti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho.+
7 Na mommfa mo ho mmmɔ aman a aka wɔ mo nkyɛn yi ho.+ Mommmɔ wɔn anyame din mpo,+ mommfa wɔn din nnka ntam, monnsom wɔn, na monnkoto wɔn da.+