Genesis 25:1, 2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 25 Abraham san waree bio; ɔbaa no din de Ketura. 2 Akyire yi, ɔne no woo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+ Exodus 2:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 Akyire yi Farao tee asɛm no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛku Mose, nanso Mose dwane firii Farao anim kɔɔ Midian+ asaase so, na ɔkɔtenaa abura bi ho. Numeri 31:2 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 2 “Deɛ Midianfoɔ de yɛɛ Israelfoɔ no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wowie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho.”*+
25 Abraham san waree bio; ɔbaa no din de Ketura. 2 Akyire yi, ɔne no woo Simran, Yoksan, Medan, Midian,+ Yisbak, ne Suha.+
15 Akyire yi Farao tee asɛm no, na ɔyɛɛ sɛ ɔbɛku Mose, nanso Mose dwane firii Farao anim kɔɔ Midian+ asaase so, na ɔkɔtenaa abura bi ho.
2 “Deɛ Midianfoɔ de yɛɛ Israelfoɔ no,+ yɛ bi tua wɔn ka.+ Wowie a, wɔde wo bɛkɔ akɔka wo nkurɔfoɔ ho.”*+