-
Leviticus 14:21, 22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
21 “Nanso sɛ ɔyɛ ohiani na ne nsa nso so a, ɛnneɛ ɔmfa odwennini kumaa baako mmra sɛ afɔdie afɔreɛ ne ohim afɔreɛ, na wɔmfa mpata mma no. Afei ɔmfa esiam muhumuhu efa nkyɛmu du mu baako* a ɔde ngo afra mmɛbɔ aduane afɔreɛ, ne ngo susukuruwa baako, 22 ne mmuruburo mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu, deɛ ne nsa bɛso so biara. Ɔde anomaa baako bɛbɔ bɔne ho afɔreɛ na ɔde baako abɔ ɔhyeɛ afɔreɛ.+
-