Genesis 35:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Berɛ a Israel te asaase no so no, da bi Ruben ne ne papa mpena* Bilha daeɛ, na Israel teeɛ.+ Ná Yakob mma mmarima no yɛ 12. Genesis 49:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Woanhyɛ wo ho so; wote sɛ nsuo a ɛtue waa, enti worenyɛ ɔkɛseɛ, ɛfiri sɛ woforoo wo papa mpa.+ Woguu me mpa ho fĩ saa berɛ no. Ɔforoeɛ ampa! Leviticus 20:11 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 11 Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no agu ne papa anim ase.*+ Wɔnku wɔn mmienu nyinaa. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so. Deuteronomium 27:20 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’) 2 Samuel 16:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafoɔ* a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.” 1 Korintofoɔ 5:1 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Yɛate sɛ adwamammɔ*+ bi rekɔ so wɔ mo mu, adwamammɔ* a ɛnni amanaman mufoɔ mpo mu. Ɛne sɛ, obi agye ne papa yere.+
22 Berɛ a Israel te asaase no so no, da bi Ruben ne ne papa mpena* Bilha daeɛ, na Israel teeɛ.+ Ná Yakob mma mmarima no yɛ 12.
4 Woanhyɛ wo ho so; wote sɛ nsuo a ɛtue waa, enti worenyɛ ɔkɛseɛ, ɛfiri sɛ woforoo wo papa mpa.+ Woguu me mpa ho fĩ saa berɛ no. Ɔforoeɛ ampa!
11 Ɔbarima a ɔne ne papa yere bɛda no agu ne papa anim ase.*+ Wɔnku wɔn mmienu nyinaa. Wɔn mogya bɛgu wɔn ankasa tiri so.
20 “‘Nnome nka deɛ ɔne ne papa yere bɛda, ɛfiri sɛ wagu ne papa anim ase.’*+ (Na ɔman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Amen!’)
21 Ɛnna Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: “Wo ne wo papa mpenafoɔ* a ɔgyaa wɔn akyire sɛ wɔnhwɛ fie* hɔ+ no nna.+ Ɛba saa a, Israelfoɔ nyinaa bɛte sɛ wo ho abɔn wo papa, na ɛbɛma wɔn a wɔwɔ w’afã anya ahoɔden.”
5 Yɛate sɛ adwamammɔ*+ bi rekɔ so wɔ mo mu, adwamammɔ* a ɛnni amanaman mufoɔ mpo mu. Ɛne sɛ, obi agye ne papa yere.+