15 Obiara* a ɔbɛwe aboa a wawu anaa deɛ aboa bi atete ne mu no,+ ɔyɛ kuromanni oo, ɔhɔhoɔ oo, ɛsɛ sɛ ɔsi ne ntaadeɛ na ɔde nsuo dware, nanso ne ho rente kɔsi anwummerɛ;+ anwummerɛ na ne ho bɛte.
21 “Ɛnsɛ sɛ mowe aboa funu biara.+ Mobɛtumi de ama ɔhɔhoɔ a ɔte mo nkuro* mu ama no awe, anaa mobɛtumi atɔn ama ɔman foforɔ muni. Moyɛ ɔman kronkron ma Yehowa mo Nyankopɔn.
“Ɛnsɛ sɛ wonoa apɔnkye ba nam wɔ ne maame nufosuo mu.+