Leviticus 19:37 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 37 Enti monni m’ahyɛdeɛ ne m’atemmusɛm nyinaa so, na monyɛ deɛ maka nyinaa.+ Mene Yehowa.’” Numeri 15:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Wei bɛma moakae m’ahyɛdeɛ nyinaa na moadi so, na moayɛ kronkron ama mo Nyankopɔn.+ Deuteronomium 4:40 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 40 Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+
40 Di n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a mede rema wo nnɛ yi so na asi wo ne wo mma a wɔbɛdi w’akyi aba no yie daa, na woatena ase akyɛ wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.”+