-
Rut 2:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Moabni Rut ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Mesrɛ wo, ma menkɔ obiara a mɛnya n’anim adom afuo mu nkɔdi n’akyi nsesa baali* a wɔatwa awie no ase.”+ Enti Naomi ka kyerɛɛ no sɛ: “Me ba, kɔ.” 3 Ɛnna ɔkɔ kɔdii wɔn a wɔretwa baali no akyi kɔsesaa aseɛ. Baabi a ɔkɔpueeɛ no, na ɛhɔ yɛ Elimelek+ busuani Boas+ afuo mu.
-