Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Deuteronomium 28:37
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 37 Aman a Yehowa bɛpamo wo akɔ so no nyinaa, wo nti wɔn ho bɛdwiri wɔn, na wɔde wo aka asɛm asere* adi wo ho fɛ.+

  • Deuteronomium 29:22-24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “Mo mma awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba daakye ne ahɔhoɔ a wɔfiri akyirikyiri asaase so nyinaa bɛhunu ɔhaw ne nyarewa a Yehowa de aba asaase no so no. 23 Wɔbɛhunu sɛ sɔfe* ne nkyene ne ɛhyew asɛe asaase no nyinaa na obiara ntumi nnua adeɛ wɔ so, na aba anaa afifideɛ biara ntumi mfifi wɔ so, na ayɛ sɛ Sodom ne Gomora,+ Adma ne Seboiim+ a Yehowa de abufuo sɛee no no. 24 Ɛba saa a, wɔne aman no nyinaa bɛka sɛ, ‘Adɛn nti na Yehowa ayɛ asaase yi saa?+ Ɛdeɛn na ɛhyɛɛ no abufuo kɛseɛ saa?’

  • Yeremia 18:16
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 16 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn asaase no bɛyɛ biribi a ɛyɛ hu,+

      Biribi a nkurɔfoɔ bɛdi ho fɛ* daa.+

      Obi biara a ɔbɛtwam wɔ hɔ no bɛtɛɛ n’anom ahwɛ, na wawoso ne ti.+

  • Kwadwom 2:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Wɔn a wɔtwam wɔ kwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+

      Wɔtɛɛ wɔn anom*+ woso wɔn ti gu Yerusalem babaa no so, na wɔka sɛ:

      “Kuro a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ɛwie pɛyɛ, asaase nyinaa anigyeɛ’ no, ɛno nie?”+

  • Hesekiel 5:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 Aman a atwa wo ho ahyia no bɛgu w’anim ase na wɔatwa wo adapaa,+ na berɛ a mede abufuo abu wo atɛn na mede aniberɛ atwe w’aso no, wobɛyɛ sɛnnahɔ na amanaman no hu wo a, wɔn ho adwiri wɔn. Me Yehowa na maka.

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane