Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 14:20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 20 Na ayeyie nka Ɔsorosoroni Nyankopɔn;

      Ɔno na ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa!”

      Na Abram kyɛɛ biribiara mu du maa no baako.+

  • Genesis 28:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 Na ɛboɔ a mede ayɛ edum yi bɛyɛ Onyankopɔn fie,+ na biribiara a wode bɛma me no, mɛhwɛ akyɛ mu du ama wo baako.”

  • Numeri 18:21
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 21 “Hwɛ, Lewifoɔ no deɛ, adwuma a wɔyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nti, mede Israel biribiara mu nkyɛmu du mu baako+ ama wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ.

  • Numeri 18:26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 26 “Ka kyerɛ Lewifoɔ no sɛ, ‘Israelfoɔ no de wɔn nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapadeɛ.+ Na mo nso, monkyɛ deɛ mo nsa bɛka no mu du, na momfa baako nyi ntoboa mma Yehowa.+

  • Deuteronomium 14:22
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “Afe biara fa w’afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa so ntotosoɔ du du* bra.+

  • 2 Berɛsosɛm 31:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Berɛ a Israelfoɔ no tee asɛm no ara pɛ, wɔde hwiit,* bobesa foforɔ, ngo, ɛwoɔ, ne afuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu deɛ ɛdi kan ne deɛ ɛyɛ papa ba maa no buu so.+ Wɔde saa nneɛma yi nyinaa so ntotosoɔ du du bae.+

  • Nehemia 13:12
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 12 Na Yuda nyinaa de hwiit* ne bobesa foforɔ ne ngo so ntotosoɔ du du+ baa adekora adan no mu.+

  • Malaki 3:10
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Momfa ntotosoɔ du du* no nyinaa mmra adekoradan mu,+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a aduane bɛwɔ me fie.+ Mepa mo kyɛw, momfa wei nsɔ me nhwɛ, sɛ meremmue ɔsoro mpomma mma mo,+ na merenhwie nhyira ngu mo so mma ɛmmu mo so anaa,”+ asafo Yehowa anom asɛm nie.

  • Luka 11:42
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 42 Na mo Farisifoɔ deɛ, monnue, ɛfiri sɛ moyi nunum ne akokɔbɛsa ne nhabamma* foforɔ biara so ntotosoɔ du du,+ nanso Onyankopɔn atɛntenenee ne ne dɔ deɛ, momfa nyɛ hwee! Ɛsɛ sɛ moyi ntotosoɔ du du no, nanso ɛnsɛ sɛ mobu mo ani gu nneɛma a ɛhia paa no so.+

  • Hebrifoɔ 7:5
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 5 Deɛ ɛwom ne sɛ, sɛdeɛ Mmara no kyerɛ no, mmarima a wɔfiri Lewi mma mu+ a wɔnya asɔfodwuma no wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔgye ntotosoɔ du du* firi ɔman no hɔ,+ kyerɛ sɛ, wɔgye firi wɔn nuanom nkyɛn, ɛwom sɛ ɔman no nso yɛ Abraham asefoɔ.*

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane