-
Deuteronomium 3:19, 20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Mo yerenom, mo mma nkumaa, ne mo nyɛmmoa (nyɛmmoa nso deɛ, menim sɛ mowɔ pii), weinom nko ara na wɔbɛtena nkuro a mede ama mo no mu 20 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom ahome sɛdeɛ wayɛ ama mo no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de bɛma wɔn wɔ Yordan agya no. Ɛno akyi no, mobɛtumi asan aba asaase a mede ama mo no so.’+
-
-
Yosua 1:14, 15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
14 Mo yerenom, mo mma, ne mo nyɛmmoa bɛka Yordan agya ha,* asaase a Mose de ama mo yi so.+ Mmarima a monim ko yie nyinaa deɛ,+ momfa mo akodeɛ na monni mo nuanom anim ntwa Yordan.+ Ɛsɛ sɛ moboa wɔn 15 kɔsi sɛ Yehowa bɛma mo nuanom asomdwoeɛ sɛdeɛ wama mo asomdwoeɛ no, na wɔafa asaase a Yehowa mo Nyankopɔn de rema wɔn no. Mowie a, na moasan mo akyi abɛfa asaase a wɔde ama mo sɛ montena so no, asaase a Yehowa akoa Mose de ama mo wɔ Yordan agya wɔ apueeɛ fam no.’”+
-