-
Numeri 8:24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 “Nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma Lewifoɔ nie: Mmarima a wɔadi mfeɛ 25 rekɔ no bɛkɔ akɔka wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ ahyiaeɛ ntomadan mu no ho ne wɔn ayɛ adwuma.
-
-
Numeri 18:2, 3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
2 Afei nso, fa wo nuanom, Lewi abusuakuo, w’abusuakuo no bra, na wɔmmɛka wo ho, na wɔmmoa wo+ ne wo mma wɔ Adanseɛ ntomadan+ no anim. 3 Adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ma wo, ne adwuma biara a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ ntomadan no ho nyinaa wɔnyɛ.+ Nanso kronkronbea hɔ nneɛma anaa afɔrebukyia no deɛ, ɛnsɛ sɛ wɔbɛn ho, na wɔne mo nyinaa anwuwu.+
-
-
1 Berɛsosɛm 23:32Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
32 Afei nso, na wɔyɛ ahyiaeɛ ntomadan ne kronkronbea hɔ adwuma, na na wɔboa wɔn nuanom Aaron mma a wɔyɛ Yehowa fie som adwuma no.
-