-
Exodus 19:19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Berɛ a abɛn no ano yɛɛ den paa no, Mose kasaeɛ, na nokorɛ Nyankopɔn no de nne kɛseɛ gyee so.
-
-
Deuteronomium 4:10-13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
10 Ɛda a mobɛgyinaa Yehowa mo Nyankopɔn anim wɔ Horeb no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Boaboa nkurɔfoɔ no ano wɔ m’anim na wɔntie me nsɛm+ na wɔnsua sɛ wɔbɛsuro me,+ nna dodoɔ a wɔbɛdi wɔ asaase no so nyinaa, na wɔmfa nkyerɛkyerɛ wɔn mma.’+
11 “Enti mobɛgyinaa bepɔ no ase, na egya dɛree wɔ bepɔ no so kɔɔ wiem,* na esum ne mununkum kumɔnn baeɛ, na wiem yɛɛ kusuu.+ 12 Na Yehowa firi gya no mu kasa kyerɛɛ mo.+ Motee kasa bi, nanso moanhu obiara;+ ɛnne kɛkɛ na moteeɛ.+ 13 Na ɔde n’apam maa mo,+ na ɔkaa sɛ monni so; ɛno ne Mmara Nsɛm Du*+ no. Afei ɔtwerɛ guu abopono mmienu so.+
-