14 Ɔsoaa Yerusalemfoɔ nyinaa, mpanimfoɔ+ no nyinaa, akatakyie no nyinaa, adwumfoɔ, ne atomfoɔ*+ no nyinaa kɔeɛ; nnipa 10,000. Wɔannya obiara, gye asaase no so ahiafoɔ paa no.+
15 Na awɛmfoɔ so panin Nebusaradan faa mmɔborɔwafoɔ a wɔwɔ ɔman no mu no bi, ne ɔmanfoɔ a wɔaka wɔ kuro no mu no, na ɔtuu wɔn ase de wɔn kɔe. Ɔsan faa wɔn a wɔde wɔn ho kɔmaa Babilon hene, ne adwumfoɔ a wɔaka a wɔnim adwuma yie no kaa ho.+