Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 20:7
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 7 “Mfa Yehowa wo Nyankopɔn din nni agorɔ,+ ɛfiri sɛ Yehowa remma deɛ ɔde ne din di agorɔ no mfa ne ho nni.+

  • Hiob 4:18-20
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 18 Hwɛ! Ɔnni gyidie biara wɔ n’asomfoɔ mu,

      Na n’abɔfoɔ* nso, ɔnya wɔn ho mfomsoɔ.

      19 Ɛnneɛ wohwɛ a, wɔn a wɔtete dɔtedan mu,

      Wɔn a wɔn fapem yɛ dɔteɛ no,+ ɔbɛbu wɔn sɛn?

      Wɔyam wɔn ntɛm sene abubummabaa!

      20 Wɔwɔ hɔ anɔpa, ɛbɛduru anwummerɛ no, na wɔayam wɔn koraa;

      Wɔyera korakora, na ɛmfa obiara ho.

  • Hiob 22:2, 3
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  2 “Ɔbarima so wɔ mfasoɔ ma Onyankopɔn anaa?

      Na obi a ɔwɔ nhunumu so wɔ mfasoɔ ma no anaa?+

       3 Sɛ woyɛ ɔteneneeni a, adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no deɛ, ɛfa ne ho bɛn?*

      Na wokɔ so ma w’abrabɔ di mu a, mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?+

  • Hiob 25:5, 6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  5 Bosome mpo nhyerɛn,

      Na nsoromma nso, ɛho nte wɔ n’ani so.

       6 Ɛnneɛ onipa dasani a ɔyɛ aboaa yi deɛ, ɔbɛbu no sɛn,

      Onipa ba a ɔyɛ sonsono yi?”

  • Hiob 42:8
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 8 Enti momfa anantwinini nson ne adwennini nson, na monkɔ m’akoa Hiob hɔ, na mommɔ ɔhyeɛ afɔreɛ mma mo ho;+ na m’akoa Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo. Sɛdeɛ ɛteɛ biara mɛtie n’adesrɛ no,* na manhwɛ mo nkwaseasɛm no ho ne mo anni, ɛfiri sɛ moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ te sɛ m’akoa Hiob.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane