Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Exodus 22:22-24
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 22 “Monnteetee okunafoɔ anaa agyanka.+ 23 Sɛ moteetee no na ɔsu frɛ me a, ɛkwan biara so mɛtie ne sufrɛ;+ 24 na m’abufuo bɛdɛre, na mede sekan bɛkunkum mo ama mo yerenom ayɛ akunafoɔ na mo mma ayɛ nnyanka.

  • Deuteronomium 10:17, 18
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn+ ne awuranom mu Awurade, Onyankopɔn tumfoɔ pumpuni a ne ho yɛ hu. Ɔnyɛ nyiyimu+ na ɔnnye adanmudeɛ.* 18 Ɔbu atɛntenenee ma nnyanka ne akunafoɔ,+ na ɔwɔ ɔdɔ ma ahɔhoɔ,+ na ɔma wɔn aduane ne deɛ wɔbɛhyɛ.

  • Dwom 10:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Nanso w’ani tua ɔhaw ne ateetee.

      Wohunu, na woyɛ ho biribi.+

      Wo na mmɔborɔwa ani da wo so.+

      Agyanka boafoɔ ne wo.+

  • Dwom 146:9
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 9 Yehowa na ɔbɔ ɔhɔhoɔ ho ban;

      Ɔno na ɔdi boa agyanka ne okunafoɔ,+

      Na nnebɔneyɛfoɔ agyinatuo deɛ, ɔma no yɛ kwa.*+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane